5
Awurade, kae nea aba yɛn so;
hwɛ, na hu yɛn animguase.
Wɔadan yɛn agyapade ama ahɔho,
wɔde yɛn afi ama ananafo.
Yɛayɛ nyisaa na yenni agyanom,
yɛn nanom yɛ akunafo.
Ɛsɛ sɛ yɛtɔ nsu a yɛnom;
yebenya nnyina a, gye sɛ yɛtɔ.
Wɔn a wɔtaa yɛn no abɛn yɛn pɛɛ;
Yɛabrɛ na yennya ahomegye.
Yɛde yɛn ho maa Misraim ne Asiria
sɛnea yebenya aduan a ɛbɛso yɛn.
Yɛn agyanom yɛɛ bɔne, na wonni hɔ bio,
na yɛn na wɔn asotwe abɛda yɛn so.
Nkoa di yɛn so,
na obiara nni hɔ a obegye yɛn afi wɔn nsam.
Yɛde yɛn nkwa bɔ afɔre de pɛ yɛn anoduan,
afoa a ɛwɔ sare so no nti.
10 Yɛn honam adɔ sɛ fononoo.
Ɔkɔm ama atiridii abɔ yɛn.
11 Wɔato mmea mmonnaa wɔ Sion,
ne mmabun a wɔwɔ Yuda nkurow so.
12 Wɔkyekyere mmapɔmma nsa na wɔasɛn wɔn;
wɔmmfa nidi mma mpanyimfo.
13 Mmerante yɛ adwumaden wɔ awiyammo so;
na mmerantewa nan toto wɔ nnyina duruduru ase.
14 Mpanyimfo ntena kuropɔn apon ano bio;
mmerante agyae wɔn nnwonto.
15 Ahosɛpɛw afi yɛn koma mu;
yɛn asaw adan agyaadwotwa.
16 Ahenkyɛw afi yɛn ti so.
Yɛn ara, yennue sɛ yɛayɛ bɔne!
17 Eyi nti yɛn koma atɔ beraw,
eyinom nti yɛn ani so ayɛ kusuu
18 wɔ Sion bepɔw a ada mpan
na sakraman nenam so no nti.
 
19 Wo, Awurade, di hene afebɔɔ;
wʼahengua fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso.
20 Adɛn nti na wo werɛ fi yɛn daa yi?
Adɛn nti na wagyaw yɛn, mmere tenten mu yi?
21 Ka yɛn bata wo ho bio, Awurade, na yɛatumi asan aba wo nkyɛn;
yɛ yɛn nna foforo sɛ tete no
22 gye sɛ woapo yɛn koraa
anaasɛ wo bo afuw yɛn mmoroso.