2
Sɛnea Awurade de nʼabufuwhyew mununkum
akata Ɔbabea Sion so ni?
Watow Israel anuonyam
afi ɔsoro abɛhwe fam;
wankae ne nan ntiaso
wɔ nʼabufuw da no.
 
Awurade annya ahummɔbɔ
na wamene Yakob atenae nyinaa;
nʼabufuwhyew mu, wadwiriw
Yuda Babea abandennen no agu fam.
Wagu nʼahenni ne ne mmapɔmma
ho fi.
 
Ɔde abufuwhyew atwitwa
Israel mmɛn nyinaa.
Wayi ne bammɔ
wɔ bere a atamfo no reba.
Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyatannaa
a ɛhyew biribiara a atwa ho ahyia.
 
Wapema ne bɛmma sɛ ɔtamfo;
ne nsa nifa ayɛ krado.
Te sɛ ɔtamfo no, wakunkum
wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ ani so nyinaa;
wahwie nʼabufuwhyew sɛ ogya
agu Ɔbabea Sion ntamadan so.
 
Awurade ayɛ sɛ ɔtamfo;
wamene Israel.
Wamene nʼahemfi nyinaa
asɛe nʼabandennen.
Wama awerɛhowdi ne agyaadwotwa adɔɔso
ama Yuda Babea.
 
Wama nʼatenae ada mpan sɛ turo;
wasɛe nʼaguabɔbea.
Awurade ama Sion werɛ afi
nʼafahyɛ ne homenna;
nʼabufuwhyew mu no
wabu ɔhene ne ɔsɔfo animtiaa.
 
Awurade apo nʼafɔremuka
na wagyaa ne kronkronbea mu.
Ɔde nʼahemfi afasu
ahyɛ nʼatamfo nsa.
Wɔteɛ mu wɔ Awurade fi
te sɛ afahyɛ da.
 
Awurade sii nʼadwene pi sɛ ɔbɛsɛe
Ɔbabea Sion fasu a atwa ne ho ahyia no.
Ɔde susuhama too ho
na wannyae ɔsɛe no.
Ɔmaa pie ne afasu dii abooboo;
wɔn nyinaa sɛee.
 
Nʼapon amem fam;
wɔn adaban nso, wabubu mu asɛe no.
Ne hene ne ne mmapɔmma, watwa wɔn asu kɔ amanaman no mu,
mmara nni hɔ bio,
na nʼadiyifo nnya anisoadehu a
efi Awurade hɔ bio.
 
10 Ɔbabea Sion mpanyimfo
tete fam ayɛ komm;
wɔde mfutuma agu wɔn tirim
afurafura atweaatam.
Yerusalem mmabaa
asisi wɔn ti ase.
 
11 Mʼani rentumi nnyae nisutew,
me yafunu mu retwa me,
me koma retew atɔ fam,
efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo,
efisɛ mmofra ne mmotafowa totɔ piti
wɔ kuropɔn no mmɔnten so.
 
12 Wobisa wɔn nanom se,
“Ɛhe na brodo ne nsa wɔ?”
Bere a wɔtotɔ beraw sɛ apirafo
wɔ kuropɔn no mmɔnten so,
bere a wɔn nkwa resa
wɔ wɔn nanom abasa so.
 
13 Asɛm bɛn na metumi aka ama wo?
Dɛn ho na metumi de wo atoto,
Ɔbabea Yerusalem?
Dɛn na metumi de asusuw wo,
de akyekye wo werɛ,
Sion Babea Ɔbabun?
Wʼapirakuru so sɛ po.
Hena na obetumi asa wo yare?
 
14 Wʼadiyifo anisoadehu
yɛ atoro a so nni mfaso;
wɔanna mo amumɔyɛ adi
ansiw mo nnommumfa ano.
Nkɔmhyɛ a wɔde maa mo no
yɛ atoro ne nnaadaa.
 
15 Wɔn a wotwa mu wo kwan so nyinaa
bobɔ wɔn nsam gu wo so;
wodi wo ho fɛw na wɔwosow wɔn ti
gu Yerusalem Babea so ka se,
“Eyi ne kuropɔn a na wɔfrɛ no
ahoɔfɛ a edi mu no?
Asase nyinaa anigyede no ni?”
 
16 Wʼatamfo nyinaa baa wɔn anom
tɛtrɛɛ tia wo;
wɔserew na wɔtwɛre wɔn se
na wɔka se, “Yɛamene no.
Da a na yɛretwɛn no ni;
Yɛatena ase ahu.”
 
17  Awurade ayɛ nea ɔhyehyɛe;
wama nʼasɛm a
ɔhyɛɛ dedaada no aba mu.
Watu wo agu a wanhu wo mmɔbɔ,
wama ɔtamfo no ani agye
wama wʼatamfo no mmɛn so.
 
18 Nnipa no koma
su frɛ Awurade.
Ɔbabea Sion afasu,
momma mo nusu nsen sɛ asubɔnten
awia ne anadwo;
munnye mo ahome
momma mo ani nso nnya ɔhome.
 
19 Sɔre, su dennen anadwo,
ɔdasu mu mfiase;
hwie wo koma mu nsɛm sɛ nsu
gu Awurade anim.
Ma wo nsa so kyerɛ no
wo mma nkwa nti,
wɔn a ɔkɔm ama wɔatotɔ beraw
wɔ mmɔnten so.
 
20 “Hwɛ na dwene ho, Awurade:
Hena na wode no afa saa ɔkwan yi so pɛn?
Ɛsɛ sɛ mmea we wɔn yafunumma nam ana,
mma a wɔahwɛ wɔn?
Ɛsɛ sɛ wokunkum ɔsɔfo ne odiyifo
Awurade kronkronbea ana?
 
21 “Mmofra ne mpanyin da adabum
wɔ mmɔnten so mfutuma mu so,
me mmerante ne mmabaa
atotɔ wɔ afoa ano.
Woakum wɔn wɔ wʼabufuwda;
woayam wɔn na woannya ahummɔbɔ.
 
22 “Sɛnea wotoo wo nsa frɛ wɔ aponto da no,
saa ara na wofrɛfrɛɛ
amanehunu fii afanan nyinaa tiaa me.
Awurade abufuw da no,
obiara anguan na anka obiara:
wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetew wɔn no,
me tamfo adwerɛw wɔn.”