4
Elisa Boa Ɔbea Kunafo No
Da bi, Elisa mfɛfo adiyifo no mu baako kunafo baa ne nkyɛn, besu kyerɛɛ no se, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wunim sɛnea na osuro Awurade. Nanso mprempren obi a mede no ka aba rehunahuna se, ɔbɛfa me mmabarima baanu sɛ nkoa.”
Elisa bisaa no se, “Dɛn na metumi ayɛ de aboa wo? Kyerɛ me nneɛma a wowɔ wɔ fie.” Obuae se, “Minni hwee sɛ ngo ahina baako.”
Elisa ka kyerɛɛ no sɛ “Kɔfɛm nhina dodow biara a wubenya afi wo nnamfonom ne wo mfɛfo nkyɛn. Afei, fa wo mmabarima no kɔ wo fi, na to pon mu. Hwie ngo no fi wʼahina no mu, gugu nhina no mu. Nea ɛbɛyɛ ma biara, yi si nkyɛn.”
Enti ɔyɛɛ saa. Ne mmabarima no de nhina bebree brɛɛ no, ma ɔhyehyɛɛ no amaama. Ankyɛ na emu biara yɛɛ ma tɛnn. Ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no mu baako se, “Brɛ me ahina foforo.”
Ɔka kyerɛɛ no se, “Ebi nni hɔ bio.” Na afei ngo no a ɔrehwie no sae.
Bere a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no, ɔka kyerɛɛ no se, “Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmabarima no.”
Elisa Ne Ɔbea A Ofi Sunem No
Da koro bi, Elisa kɔɔ Sunem kurow mu. Na ɔbea ɔdefo bi te kurow no mu. Ɔtoo nsa frɛɛ Elisa sɛ ommedidi. Efi saa bere no, bere biara a obetwa mu wɔ hɔ no, ɔfa hɔ kodidi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu se, “Migye di sɛ saa ɔbarima yi a ɔtaa ba ha yi yɛ Onyankopɔn nipa kronkron. 10 Ma yensiesie ɔdan bi mma no wɔ soro hɔ na yɛmfa mpa, ɔpon, akongua ne kanea nsi mu mma no. Na bere biara a ɔbɛba ha no, wanya baabi asoɛ.”
11 Da bi, Elisa san baa Sunem. Ɔkɔɔ ne soro dan no mu kɔsoɛe. 12 Ɔka kyerɛɛ ne somfo Gehasi se, “Ka kyerɛ ɔbea no se, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ no.” Ɔbea no bae no, 13 Elisa ka kyerɛɛ Gehasi se, “Ka kyerɛ no se, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no nea yɛn so yebetumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ midi ne ho adanse kyerɛ ɔhene anaa asraafo sahene no?”
Obuae se, “Dabi, efisɛ mʼabusuafo hwɛ me yiye.”
14 Akyiri no, Elisa bisaa Gehasi se, “Dɛn na wugye di sɛ yebetumi ayɛ ama no?”
Ɔtow maa no se, “Onni babarima na ne kunu nso abɔ akwakoraa.”
15 Elisa ka kyerɛɛ no se, “Frɛ no bra bio.” Ɔbea no bae no, Elisa ka kyerɛɛ no wɔ ɔpon no ano se, 16 “Afe sesɛɛ saa bere yi ara mu, na ɔbabarima da wo srɛ so.”
Ɔteɛɛ mu se, “Dabi, me wura, mesrɛ wo, ntwa me nkontompo saa. Onyankopɔn nipa.”
17 Na ampa ara, bere tiaa bi akyi no, ɔbea no nyinsɛnee. Na afe saa bere no ara, ɔwoo ɔbabarima sɛnea Elisa kae no pɛpɛɛpɛ.
18 Ne ba no nyin no, da bi, ɔkɔsraa nʼagya a na ɔne nʼapaafo reyɛ adwuma. 19 Prɛko pɛ, ɔkae se, “Me ti pae me! Me ti pae me!”
Nʼagya ka kyerɛɛ nʼapaafo no mu baako se, “Fa no kɔ fie kɔma ne na.”
20 Ɔpaani no de no kɔɔ fie. Ne na gyee no too ne srɛ so. Nanso, eduu owigyinae mu no, owui. 21 Ɔpagyaw no de no kɔtoo Onyankopɔn nipa no mpa so. Ɔtoo pon no mu gyaw no hɔ kɔe.
22 Ɔsomaa ɔbɔfo kɔbɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Soma apaafo no baako na ɔmfa afurum mmra, sɛnea metumi akodu Onyankopɔn nipa no hɔ ntɛm, asan aba.”
23 Obisae se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ nnɛ yi ara? Ɛnyɛ Ɔsram Foforo Afahyɛ, na ɛnyɛ homeda nso.”
Nanso ɔkae se, “Ɛwɔ mu saa.”
24 Enti ɔhyehyɛɛ afurum no, ka kyerɛɛ ɔpaani no se, “Ka wo ho. Ɛnyɛ me nti na wobɛtɔ wo bo ase, na mmom, kɔ ara, gye sɛ maka sɛ tɔ wo bo ase.” 25 Ɔrebedu Onyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔw Karmel so no, Elisa huu no wɔ akyirikyiri.
Ɔka kyerɛɛ Gehasi se, “Hwɛ, ɔbea a ofi Sunem no reba. 26 Tu mmirika kohyia no, na bisa no se, ‘Wo ne wo kunu ne wo ba ho ye ana?’ ”
Ɔbea no buae Gehasi se, “Yɛn nyinaa ho ye.”
27 Nanso ɔbaa Onyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔw no so no, ɔhwee ne nan ase, soo nʼanammɔn mu. Gehasi sum no, nanso Onyankopɔn nipa no kaa se, “Gyaa no. Biribi reteetee no, na Awurade nso nkyerɛɛ me dekode no.”
28 Na ɔbea no kae se, “Wo ara me wura, wo na wokae se, menya ɔbabarima. Na manka ankyerɛ wo sɛ mma memfa mʼani nto so?”
29 Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi se, “Boa wo ho, na mensoma wo, fa me pema no, na kɔ. Nkasa obiara ho wɔ ɔkwan so. Kɔ na fa pema no kɔto abofra no anim.”
30 Na abarimaa no na kae se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merenkɔ fie gye sɛ woka me ho.” Enti Elisa san ne no kɔe.
31 Gehasi yɛɛ ntɛm dii kan, de pema no kɔtoo abofra no anim, nanso biribiara ansi. Nkwa ho nsɛnkyerɛnne biara amma. Ɔsan nʼakyi kohyiaa Elisa, bɔɔ no amanneɛ se, “Abofra no nnyanee ɛ.”
32 Bere a Elisa duu hɔ no, ampa na abofra no awu da odiyifo no mpa so. 33 Ɔno nko kɔɔ hɔ, too ne ho pon mu, bɔɔ Awurade mpae. 34 Afei, obutuw abofra no so, de nʼano tuaa abofra no ano, de nʼani fam abofra no ani, de ne nsa susoo abofra no nsa. Afei, abofra no ho fitii ase yɛɛ hyew bio. 35 Elisa sɔre, dii akɔneaba wɔ ɔdan no mu kakra. Afei, ɔdaa abofra no so bio. Saa bere no, abofra no nwansii mpɛn ason, na ɔtew nʼani.
36 Afei, Elisa somaa Gehasi se, “Frɛ abofra no na bra.” Ne na no bae no, Elisa ka kyerɛɛ no se, “Wo ba no ni, fa no kɔ.” 37 Ofi ahodwiriw mu hwee ne nan ase daa no ase. Afei, ɔfaa ne ba no, de no sian kɔɔ fam.
Ɔkɔm Kɛse Bi Mu Nsɛnkyerɛnne
38 Elisa san kɔɔ Gilgal, nanso na ɔkɔm asi asase no so. Da bi a adiyifokuw tete nʼanim no, ɔka kyerɛɛ ne somfo se, “Fa ɔsɛn kɛse si gya so, na yɛ abɔmu ma saa mmarima yi.”
39 Wɔn mu baako kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ atosode, na onyaa ɛfere kotoku ma de bae. Otwitwa de guu ɔsɛn no mu a na onnim sɛ awuduru wɔ mu. 40 Na wodii kakraa bi pɛ, wɔteɛteɛ mu se, “Onyankopɔn nipa, awuduru wɔ abɔmu no mu!” Ɛno nti, wɔanni bio.
41 Elisa kae se, “Mommrɛ me asikresiam kakra.” Ɔde guu ɔsɛn no mu, kae se, “Afei, ayɛ yiye nti munkodi.” Na anhaw wɔn bio.
42 Da bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Baal-Salisani brɛɛ Onyankopɔn nipa no atoko foforo kotoku ma, ne brodo mua aduonu. Elisa kae se, “Fa ma adiyifokuw no, na wonni.”
43 Ɔsomfo no teɛɛ mu se, “Wuse dɛn? Kakra yi na yɛmfa mma nnipa ɔha yi ana?”
Nanso Elisa tii mu se, “Fa ma adiyifokuw no na wonni, na Awurade ka se, ‘Obiara bedi amee, na bi mpo bɛka akyi.’ ” 44 Na ampa ara, obiara didi mee ma bi mpo kae, sɛnea Awurade hyɛɛ ho bɔ no.