24
Yehoiakim ahenni mu no, Babiloniahene Nebukadnessar bɛtow hyɛɛ Yuda asase so. Yehoiakim maa ne nsa so, na otuaa tow maa no mfe abiɛsa, nanso ɔtew Nebukadnessar so atua. Na Awurade somaa akofo fi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛnea Awurade nam nʼadiyifo so hyɛɛ ho nkɔm no. Saa amanehunu yi baa Yuda so, sɛnea Awurade hyɛe no, sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi wɔn afi nʼanim, esiane bɔne dodow a Manase yɛe no nti, a na mogya a edi bem a ohwie guu no ka ho bi. Efisɛ ɔde mogya a edi bem fɔw Yerusalem dotoo; ɛno nti na Awurade mpɛ sɛ ɔde bɛkyɛ.
Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Bere a Yehoiakim wui no, ne babarima Yehoiakyin na odii nʼade sɛ ɔhene.
Misraimhene ansan amma bio, efisɛ na Babiloniahene afa nsase a anka na Misraimfo no agye no nyinaa, efi Misraim asuwa no so, kosi Asubɔnten Eufrate ho.
Yehoiakyin Di Yudahene
Bere a Yehoiakyin dii ade no, na wadi mfe dunwɔtwe, na odii hene wɔ Yerusalem asram abiɛsa. Na ne na yɛ Elnatan a ofi Yerusalem no babea Nehusta. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya yɛe no ara pɛ.
10 Yehoiakyin ahenni mu no, Babiloniahene Nebukadnessar asraafo mu mpanyimfo betuaa Yerusalem ano. 11 Otua no mu no, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu. 12 Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufo, atitiriw, mpanyimfo ne ɔhemmea de wɔn ho maa Babiloniafo. Nebukadnessar dii ade ne mfe awotwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin de no too afiase. 13 Sɛnea Awurade aka dedaw no, Nebukadnessar tasee agyapade a ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no ne ahemfi hɔ nyinaa. Wɔsɛee sikakɔkɔɔ nnwetɛbona a Israelhene Salomo de sisii asɔredan mu hɔ no nyinaa. 14 Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafo mpem du fii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafo akofo, adwumfo ne atomfo a wodi mu ka ho. Ɛno nti, ahiafo nko ara na ogyaw wɔn wɔ asase no so.
15 Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanyimfo, ɔhemmea ne Yerusalem nnipa atitiriw ka ho. 16 Ɔfaa akofo a wɔte apɔw no mpem ason, adwumfo ne atomfo apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodi. 17 Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii ade sɛ ɔhene foforo. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia.
Sedekia Di Yudahene
18 Bere a Sedekia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. 19 Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛnea Yehoiakim yɛe no. 20  Awurade abufuw nti na eyinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyiri no, oyii nʼani fii wɔn so.
Yerusalem Asehwe
Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene.