22
Yosia Di Yudahene
Bere a Yosia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii ade wɔ Yerusalem mfe aduasa baako. Na ne na din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ofi Boskat no babea. Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, yɛɛ nea ne tete agya Dawid yɛe no bi. Wamfi adetreneeyɛ ho.
Ɔhene Yosia dii mfirihyia dunwɔtwe wɔ nʼahenni mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asennii kyerɛwfo Mesulam nena, kɔɔ Awurade Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no se, “Kɔ ɔsɔfopanyin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a aponanohwɛfo no agyigye afi nnipa no nkyɛn wɔ Awurade Asɔredan mu no. Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ asɔredan no ho asiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfo a wobesiesie Awurade Asɔredan no ho ka. Ɛho behia sɛ wɔbɛfa nnua adwumfo, adansifo ne abohyehyɛfo. Afei, ma wɔntɔ nnua ne abo a wɔatwa a wɔde besiesie asɔredan no. Nanso ɛho nhia sɛ adansi no sohwɛfo bebu sika a wɔn nsa bɛka no ho akontaa, efisɛ wɔyɛ nokwafo.”
Helkia Kohuu Onyankopɔn Mmara No
Ɔsɔfopanyin Hilkia ka kyerɛɛ asennii kyerɛwfo Safan se, “Mahu Mmara Nhoma no wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan, na ɔkenkanee. Safan san kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkae se, “Wo mpanyimfo no de sika a wogyigyee wɔ Awurade asɔredan no mu no ahyɛ adwumayɛfo no ne sohwɛfo a wɔwɔ asɔredan no ho no nsa.” 10 Safan san ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔsɔfo Hilkia de nhoma mmobɔwee bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene no.
11 Bere a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ Awurade Mmara Nhoma no mu no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu. 12 Na ɔhyɛɛ ɔsɔfo Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se, 13 “Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw agu nhoma mmobɔwee no a wahu no ho asɛm. Awurade abufuwhyew aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni nhoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ nea nhoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.”
14 Enti ɔsɔfo Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforo Misne kohuu odiyifo Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntade adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nena. 15 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade, Israel Nyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no se, 16 ‘Sɛnea Awurade se ni: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛnea makyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a mokenkan no mu no. 17 Efisɛ me nkurɔfo agyaw me, na wɔsom anyame huhuw, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuw. Mʼabufuwhyew redɛw wɔ ha, na ɛrennum.’ 18 Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ Awurade no nkyɛn, na monka nkyerɛ no se, Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka fa asɛm a motee mprempren no ho. 19 Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no sɛ, wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo yaw, ma wobrɛɛ wo ho ase Awurade anim. Wode ahometew sunsuan wo ntade mu, suu wɔ mʼanim ahonu mu. Enti nokware, Awurade se, ‘mate wo sufrɛ. 20 Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wu ne wusie akyi. Worenhu amane a mede bɛba kuropɔn yi so no.’ ”
Enti wɔsan de ne nkra no kɔmaa ɔhene no.