2
Wɔfa Elia Kɔ Ɔsoro
Bere a Awurade pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ soro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal kwan so. Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha na Awurade aka akyerɛ me se, menkɔ Bet-El.” Na Elisa buae se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase no, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Bet-El.
Adiyifo kuw a wofi Bet-El no baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ?”
Elisa buae se, “Yiw, minim saa. Enti monyɛ komm.”
Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me se, menkɔ Yeriko.”
Nanso Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Yeriko.
Na adiyifo kuw a wofi Yeriko baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ ana?”
Obuaa bio se, “Yiw, minim. Enti monyɛ komm.”
Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.”
Nanso, Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo.” Enti wɔtoaa so kɔe.
Mmarima aduonum fi adiyifo kuw no mu nso kɔ kogyinaa akyirikyiri baabi, de wɔn ani kyerɛɛ faako a na Elia ne Elisa gyina wɔ Asubɔnten Yordan ho hɔ no. Na Elia bobɔw nʼatade, de bɔɔ nsu no ani. Nsu no mu kyɛɛ abien, ma wɔfaa asase kesee so twae.
Wotwa wiei no, Elia bisaa Elisa se, “Dɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?”
Na Elisa buae se, “Mesrɛ wo, ma minnya wo honhom tumi no mmɔho.”
10 Elia kae se, “Woabisa ade a ne yɛ yɛ den. Na sɛ wuhu sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisade no. Na sɛ amma saa de a, wo nsa renka.”
11 Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam bae a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam tetewee, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro. 12 Elisa huruw, teɛɛ mu se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!” Na Elisa anhu no bio, Elisa suanee nʼatade mu abien.
13 Na Elisa faa Elia atade nguguso a efii ne ho gui no, na ɔsan kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so. 14 Ɔde atade nguguso no bɔɔ asu no ani teɛɛ mu se, “Awurade, Elia Nyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara asu no mu paee abien maa Elisa faa mu.
15 Bere a adiyifo kuw a wɔwɔ Yeriko huu asɛm a asi no, wɔteɛɛ mu se, “Elisa abedi Elia ade!” Na wokohyiaa no, kotow no. 16 Wɔkae se, “Owura, ka biribi, na yɛn mu ahoɔdenfo aduonum bekyinkyin sare no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na Awurade honhom agyaa no asi bepɔw bi so anaa obon bi mu.”
Elisa kae se, “Dabi, monnsoma wɔn.” 17 Nanso wɔkɔɔ so haw no ara, kosii sɛ, onhu nea ɔnyɛ ne ho, nti akyiri no ɔkaa se, “Eye, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyin, hwehwɛe, nanso wɔanhu Elia. 18 Bere a wɔsan wɔn akyi no, na Elisa da so wɔ Yeriko. Obisaa wɔn se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnkɔ?”
Elisa Nsɛnkyerɛnne A Edi Kan
19 Afei, Yeriko mpanyimfo kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no se, “Ɔdɛɛfo, yɛwɔ dadwen bi. Saa kurow yi dabea ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛnea wuhu no. Nanso nsu no nye, na asase no nso mma nnɔbae.”
20 Elisa kae se, “momma me nsukorade foforo a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde bae.
21 Afei, ɔkɔɔ asu no a kurom hɔfo no saw nom no mu, kɔtow nkyene no guu mu. Na ɔkae se, “Sɛɛ na Awurade se: Mayɛ asu yi yiye. Ɛremma owu, na asase no bɛma ne nnɔbae.” 22 Na ampa ara, efi saa bere no, asu no ayɛ asu pa sɛnea Elisa kae no.
23 Elisa fii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wofi kurow no mu dii ne ho fɛw, serew no se, “Tipae, foro kɔ ɛ! Tipae, foro kɔ ɛ!” 24 Elisa dan ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde Awurade din domee wɔn. Na sisi abien pue fii wuram, bekunkum wɔn mu aduanan abien. 25 Elisa fii hɔ no, ɔkɔɔ bepɔw Karmel so, na ofii hɔ kɔɔ Samaria.*
* 2:25 Elisa tenaa Samaria.