19
Hesekia Hwehwɛ Awurade Mmoa
Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu. Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. Nanso ebia Awurade, mo Nyankopɔn ate sɛ Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti bɔ mpae ma yɛn a yɛaka no!”
Na ɔhene Hesekia mpanyimfo no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia, na Yesaia buae se, “Ka kyerɛ wo wura se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo. Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’ ”
Bere a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu sɛ ɔhene no ne Libna reko.
Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Etiopiahene Tirhaka adi asraafo anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsan akohyia asraafo no, ɔde saa nkra yi maa sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem. 10 “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, ‘Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.’ 11 Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana? 12 Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te sɛ, Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn ana? 13 Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?”
14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛw mu wɔ Awurade anim. 15 Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ Awurade se, “Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. 16 Brɛ wʼaso ase, Awurade, na tie! Bue wʼani, Awurade, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no.
17 Awurade, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no. 18 Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ. 19 Afei, Awurade, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne tumi ase, na ɛbɛma ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ wo nko ara, Awurade, na woyɛ Onyankopɔn.”
Yesaia Hyɛ Yuda Gye Ho Nkɔm
20 Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: Esiane sɛ woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti, 21 eyi ne asɛm a Awurade aka atia no:
“ ‘Ɔbabeabun Sion sopa wo,
na ɔserew wo.
Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw,
na ɔwosow ne ti bere a woreguan.
22 Hena na wugye di sɛ woyeyaw no, di ne ho fɛw nso?
Hena na womaa wo nne so tiaa no
na wohwɛɛ no ahantan so?
Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!
23 Wonam wʼasomafo so
adi Awurade ho fɛw.
Na woaka se,
“Me nteaseɛnam dodow nti
maforo mmepɔw atenten.
Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no.
Matwitwa ne sida dua atenten no,
ne nʼapepaw a ɛyɛ fɛ no agu fam.
Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so,
ne ne kwaeberentuw mu.
24 Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree so
de ne nsu pa no adwudwo me ho.
Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten mu
sɛnea mʼakofo betumi atwa!”
 
25 “ ‘Na Montee ɛ?
Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ.
Bere bi a atwam no na medwenee ho;
afei mama aba mu sɛ,
moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔ
ho ban.
26 Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa no
ho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn.
Wɔte sɛ afuw so nnua,
ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw.
Wɔte sɛ sare a efifi ɔdan atifi
a ɛhyew ansa na anyin.
 
27 “ ‘Nanso minim nea wote
bere a woba ne bere a wokɔ
ne sɛnea wo bo huru tia me.
28 Na esiane sɛ wo bo huru tia me
na wʼahantan adu mʼasom nti,
mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem,
na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom,
mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no so
asan wʼakyi.’
29 “Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia:
“Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii.
Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba.
Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa,
yɛ bobe nturo na di so aba.
30 Bio, nkae bi a ofi Yuda fi
begye ntin wɔ fam na wasow aba wɔ soro.
31 Na nkae bi befi Yerusalem aba,
na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so.
Asafo Awurade pɛ mu na eyi bɛyɛ.
 
32 “Eyi ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho:
“Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi mu
na ɔrentow bɛmma wɔ ha.
Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyi
na ɔrensi pie ntua nʼano.
33 Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu.
Awurade ka se,
ɔrenwura saa kurow yi mu.
34 Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti,
mɛbɔ ho ban.”
35 Saa anadwo no, Awurade bɔfo kɔɔ Asiria nsraban mu, kokum Asiria asraafo no mpem ɔha aduɔwɔtwe anum. Asiriafo a wɔkae no nyan anɔpa no, wohuu sɛ afunu gugu mmɔnten so baabiara. 36 Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkurow Ninewe mu.
37 Da koro bi a ɔresom wɔ ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmabarima Adramelek ne Sareser de wɔn afoa kokum no. Woguan fii hɔ kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforo Esarhadon bedii nʼade sɛ Asiriahene.