17
Hosea Di Israelhene
Ela babarima Hosea fii ase dii hene wɔ Israel no, na ɔhene Ahas nso adi hene wɔ Yuda mfirihyia dumien. Odii hene wɔ Samaria mfe akron. Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, nanso na ne bɔne no nnɔɔso sɛ Israel ahemfo a wodii ade ansa na ɔrebedi ade no.
Asiriahene Salmaneser kɔɔ ɔhene Hosea so, kodii ne so nkonim nti, ɔhyɛɛ Israel ma wotuaa sonkahiri a emu yɛ duru maa Asiria. Afei, ɔhene Hosea bisaa mmoa fii Misraimhene a wɔfrɛ no So nkyɛn sɛ ɔmmoa no na ɔntew ne ho mfi Asiriahene tumi ase. Ɔbɔɔ pɔw tiaa Asiriahene. Bere a Asiriahene huu pɔw bɔne a wabɔ no, ɔkyeree no de no too afiase wɔ nʼatuatew ho.
Na Asiriahene ko faa asasetam no nyinaa, na otuaa Samaria ano mfe abiɛsa. Akyiri no, ɔhene Hosea ahenni mfe akron mu no, Samaria hwee ase, ma wotwaa Israelfo asu kɔɔ Asiria. Wɔbɔɔ wɔn atenase wɔ Halah nkurow wɔ asu Habor a ɛwɔ Gosan a ɛfra Media nkuropɔn no mu no so.
Asiria Di Samaria So
Saa amanehunu yi baa Israelman so, efisɛ nnipa no som anyame afoforo, yɛɛ bɔne tia Awurade, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii wɔn nkoasom mu wɔ Misraim no. Wosuasuaa abosonsom aman nneyɛe a enti Awurade pam wɔn fii asase a ɛda wɔn anim no so, ne ɔsom a Israel ahemfo de aba no. Na Israelfo no nso nam sum ase, ayɛ nneɛma pii a na ɛnsɔ Awurade wɔn Nyankopɔn ani. Wosisii abosonnan maa wɔn ho wɔ wɔn nkurow nyinaa so, efi wɔn nkurow akɛse a wɔatwa afasu afa ho, kosi nkuraa. 10 Wosisii afadum kronkron ne Asera nnua wɔ koko biara so ne dua biara a ɛyɛ frɔmfrɔm ase. 11 Wɔhyew nnuhuam wɔ nsɔre so hɔ, te sɛnea aman a Awurade apam wɔn afi asase a ɛda wɔn anim no so no yɛe pɛ. Enti Israelfo yɛɛ bɔne bebree hyɛɛ Awurade abufuw. 12 Yiw, Awurade kɔkɔbɔ pɔtee ne ne ntimu no nyinaa akyi no, wɔsom ahoni. 13  Awurade somaa nʼadiyifo ne adehufo ntoatoaso ma wɔkɔbɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ se, “Monnan mfi mo akwammɔne nyinaa ho. Monyɛ osetie mma mʼahyɛde ne me mmara, nea mehyɛɛ mo agyanom sɛ wonni so no nyinaa, nea menam mʼasomfo adiyifo no so de maa mo no.”
14 Nanso Israelfo no antie. Na wɔyɛɛ asoɔden sɛ wɔn agyanom, na wɔannye Awurade, wɔn Nyankopɔn, anni. 15 Wɔpoo ne mmara ne nʼapam a ɔne wɔn agyanom yɛe no. Na wɔamfa ne kɔkɔbɔ no anyɛ hwee. Wɔsom abosomhuhuw, maa wɔdan nnipa teta. Wɔhwɛɛ aman a atwa wɔn ho ahyia no nhwɛso so, nam so yɛɛ asoɔden maa Awurade mmara nsɛm a ɔhyɛɛ sɛ wonnsuasua wɔn no.
16 Wɔantie Awurade, wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm no nyinaa na wɔyɛɛ nantwimma abien ahoni a wɔagu. Wosii Asera dua, som Baal ne wim atumfo nyinaa. 17 Na mpo, wɔde wɔn ankasa mmabarima ne wɔn mmabea bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Wɔkɔɔ abisa, wɔyɛɛ abayisɛm, nam so tɔn wɔn ho maa bɔne, de hyɛɛ Awurade abufuw.
18 Na esiane sɛ Awurade bo fuw nti, ɔpepaa wɔn fii nʼanim. Yuda abusuakuw* nko ara na ɛkaa wɔn wɔ asase no so. 19 Na mpo, nnipa a wɔwɔ Yuda anni Awurade, wɔn Nyankopɔn, ahyɛde so. Wɔfaa ɔkwan bɔne a Israel faa so no so. 20 Ɛno nti, Awurade poo Israel asefo nyinaa. Ɔde wɔn maa wɔn atamfo, nam so twee wɔn aso, kosii sɛ wɔsɛee wɔn.
21 Na bere a Awurade tew Israel fii Dawid ahemman ho no, wɔfaa Nebat babarima Yeroboam, de no dii wɔn so hene. Na Yeroboam maa Israelfo gyaee Awurade akyidi, ma wɔyɛɛ bɔne kɛse. 22 Na Israelfo no kɔɔ so nantew Yeroboam akwammɔne no so. Wɔannyae ahonisom ho bɔneyɛ no, 23 kosii sɛ ne korakora no, Awurade pepaa wɔn fii hɔ, sɛnea nʼadiyifo hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba no. Enti wotwaa Israel asu kɔɔ Asiria asase so baabi a wɔte besi nnɛ yi.
Amamfrafo Kɔtena Israel
24 Na Asiriahene twee nnipa akuwakuw fii Babilonia, Kuta ne Awa, Hamat ne Sefarwaim, de wɔn beduaa Samaria nkurow so, ma wosii Israelfo anan mu. Enti Asiriafo no faa Samaria ne Israel nkurow a ɛkeka ho no. 25 Nanso esiane sɛ saa ahɔho atutenafo yi ansom Awurade bere a woduu hɔ ara pɛ no nti, Awurade maa gyata kɔɔ wɔn mu, kokunkum wɔn mu bi. 26 Enti wɔde nkra kɔmaa Asiriahene se, “Nnipa a woabɔ wɔn atenase wɔ Israel nkurow so no nnim sɛnea wɔsom asase no so Nyankopɔn. Wasoma gyata akɔ wɔn mu akɔsɛe wɔn, efisɛ wɔansom no anisɔ mu.”
27 Na Asiriahene nso hyɛe se, “Soma asɔfo a wɔatwa wɔn asu no mu baako fi Samaria, na ɔnsan nkɔ Israel. Ma ɔnkyerɛ ahɔho no kwan a wɔfa so som asase no so Nyankopɔn.” 28 Enti asɔfo a wɔatwa wɔn asu afi Samaria no mu baako san kɔɔ Bet-El, kɔkyerɛɛ ahɔho no ɔkwan a wɔfa so som Awurade.
29 Nanso saa ahɔho akuwakuw ahorow yi kɔɔ so som wɔn ankasa anyame. Kurow biara a wɔtete mu no, wɔde wɔn ahoni kosisii abosonnan a Israelfo no asisi no mu. 30 Wɔn a wofi Babilonia no som wɔn nyame Sukot-Benot ahoni. Wɔn a wofi Kuta som wɔn nyame Nergal. Na wɔn a wofi Hamat som Asima. 31 Awifo som wɔn anyame Nibhas ne Tartak. Na mpo, nnipa a wofi Sefarwaim hyew wɔn ankasa mma sɛ afɔrebɔde, de maa Adramelek ne Anamelek. 32 Saa ahɔho yi som Awurade de, nanso woyii asɔfo bi fii wɔn mu a, na wɔbɔ afɔre wɔ abosonnan mu. 33 Na wɔsom Awurade de, nanso wɔkɔɔ so faa amanne kwan a wɔn aman a wofi so no fa so som no so.
34 Na eyi da so kɔ so wɔ wɔn mu de besi nnɛ. Na wɔda so yɛ kan nnebɔne no a anka ɛsɛ sɛ wɔsom Awurade, di ne mmara, ne nkyerɛkyerɛ ne ahyɛde a ɔde maa Yakob a ɔsesaa ne din ma ɛbɛyɛɛ Israel asefo no so. 35 Nanso na Awurade ne Yakob asefo ayɛ apam, ahyɛ wɔn se, “Monnsom anyame foforo, monnkotow wɔn, na monnsom wɔn, na mommmɔ afɔre mma wɔn. 36  Awurade a ɔnam nsɛnkyerɛnne akɛse ne tumi so yii mo fii Misraim no nko ara na monsom no. Ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ mosom no, na mokotow no, na mobɔ afɔre ma no. 37 Monhwɛ yiye, na munni mmara, nkyerɛkyerɛ ne ahyɛde a ɔkyerɛw maa mo no so. Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforo biara. 38 Mommma mo werɛ mmfi apam a me ne mo yɛe no, na monnsom anyame foforo biara. 39 Monsom Awurade, mo Nyankopɔn nko ara. Ɔno na obegye mo afi mo atamfo nyinaa nsam.”
40 Nanso nnipa no antie, kɔɔ so faa wɔn akwan dedaw no so. 41 Enti bere a ahɔho yi resom Awurade no, bere koro no ara mu, na wɔresom wɔn ahoni. Na ebesi nnɛ, wɔn asefo yɛ ade koro no ara.
* 17:18 Anafo Ahemman no nso yɛ Simeon ne Benyamin asefo nanso Yuda nko ara ne abusuakuw a na wodi no nokware (hwɛ 1 Ah 11.31-32).