30
Wogye Israel Si Hɔ
Asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ni: “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: ‘Kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nhoma mu. Nna bi reba,’ sɛnea Awurade se, ‘a mede me nkurɔfo Israelfo ne Yudafo befi nnommum mu asan aba na mede wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so no so,’ Awurade na ose.”
Eyi ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: “Nea Awurade se ni:
“ ‘Akomatu nteɛteɛmu na mete,
mete basabasayɛ, na ɛnyɛ asomdwoe.
Mummisa na munhu:
Ɔbarima betumi awo mma ana?
Afei, adɛn nti na mihu ɔbarima hoɔdenfo biara
sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu,
na anim biara ayɛ bosaa saa?
Sɛnea da no bɛyɛ hu afa!
Da biara renyɛ sɛ ɛno.
Ɛbɛyɛ amanehunu bere ama Yakob,
nanso wobeyi no afi mu.
 
“ ‘Saa da no,’ Asafo Awurade na ose,
‘Mebubu konnua no afi wɔn kɔn mu,
na matetew wɔn nkyehama no mu;
ananafo remfa wɔn nyɛ nkoa bio.
Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Nyankopɔn
ne Dawid, wɔn hene,
a mɛpagyaw no ama wɔn.
 
10 “ ‘Enti nsuro, Yakob, me somfo;
mma wʼaba mu mmu, Israel,’
nea Awurade se ni.
‘Nokware, megye wo afi akyirikyiri,
ne wʼasefo afi wɔn nnommum asase so.
Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ
na obiara renhunahuna no bio.
11 Me ne wo wɔ hɔ na megye wo nkwa,’
Awurade na ose.
‘Ɛwɔ mu, mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,
emu na mebɔ mo ahwete kɔ,
nanso merensɛe mo korakora.
Mɛteɛteɛ mo, nanso mɛyɛ no wɔ trenee kwan so;
meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’
12 “Sɛɛ na Awurade se:
“ ‘Wʼapirakuru ayɛ akisikuru,
na wontumi nsa.
13 Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,
wo kuru no rennya aduru,
na worennya ayaresa.
14 Wʼapamfo nyinaa werɛ afi wo;
wo ho biribiara mfa wɔn ho.
Mabɔ wo sɛnea wo tamfo bɛyɛ
na matwe wʼaso sɛnea otirimɔdenfo bɛtwe,
efisɛ wʼafɔdi so dodo
na wʼamumɔyɛ nso dɔɔso.
15 Adɛn nti na wusu dennen wɔ wʼapirakuru,
wo yawdi a ano nni aduru no ho?
Wʼafɔdi kɛse ne wʼamumɔyɛ bebrebe nti
na mede saa nneɛma yi ayɛ wo.
 
16 “ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;
mo atamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu.
Wɔn a wɔfow mo no wɔbɛfow wɔn
wɔn a wɔtow hyɛɛ mo so no, mɛtow ahyɛ wɔn so.
17 Nanso mɛma wo ahoɔden bio
na masa wʼapirakuru,’
Awurade na ose,
‘efisɛ wɔfrɛ wo nea wɔapam no,
Sion a wo ho nhia obiara.’ ”
18 Sɛɛ na Awurade se:
“ ‘Mɛsan de Yakob ntamadan mu ahonyade aba
na manya ayamhyehye ama nʼatenae ahorow no;
wɔbɛkyekye kuropɔn no bio wɔ ne mmubui so,
na ahemfi no besi nea ɛsɛ sɛ esi.
19 Wɔn mu na aseda nnwom befi aba
ne ahosɛpɛw nnyigyei.
Mɛma wɔadɔɔso,
na wɔn dodow no so rentew;
mɛhyɛ wɔn anuonyam,
na wɔremmu wɔn abomfiaa.
20 Wɔn mma bedi yiye sɛ kan no,
mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim;
wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.
21 Wɔn kannifo bɛyɛ wɔn ankasa nipa;
na wɔn sodifo befi wɔn mu.
Mɛka no abata me ho na wabɛn me,
na hena na ɔde ne ho bɛma
sɛ ɔbɛbɛn me?’ ”
Awurade na ose.
22 “ ‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfo,
na mayɛ mo Nyankopɔn.’ ”
 
23 Hwɛ, Awurade ahum
betu abufuwhyew mu,
mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ
amumɔyɛfo mpampam.
24  Awurade abufuw rennwo
kosi sɛ obewie
ne koma mu nhyehyɛe nyinaa.
Nna a ɛreba no mu no
mobɛte eyi ase.