2
Mmoadabi Dɔm
Hyɛn torobɛnto no wɔ Sion;
hyɛn abɛn no wɔ me bepɔw kronkron no so.
Ma wɔn a wɔte asase no so nyinaa ho mpopo,
efisɛ Awurade da no reba,
na abɛn koraa.
Sum ne kusukuukuu da.*
Omununkum ne sum kabii da.
Sɛnea adekyee hann trɛtrɛw wɔ mmepɔw so no,
saa ara na asraafo a wɔdɔɔso na wɔyɛ den ba no te.
Wonhuu wɔn sɛso bi da,
na wɔrenhu ne sɛso nso da.
 
Ogya rehyew wɔ wɔn anim,
ogyatannaa dɛw wɔ wɔn akyi,
asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,
nea ɛda wɔn akyi no te sɛ nweatam,
hwee nguan wɔn.
Wɔte sɛ apɔnkɔ.
Wohuruhuruw te sɛ apɔnkɔsotefo asraafo.
Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam
na wotu fa mmepɔw atifi,
wɔte sɛ ogyatannaa a ɛhyew nwuraguanee
wɔte sɛ asraafo akantinka a wɔrekɔ ɔsa.
 
Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn;
na wɔn anim hoa.
Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofo;
wɔforo afasu te sɛ asraafo
na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee,
na wɔmman benkum anaa nifa.
Wontwintwan wɔn ho wɔn ho anan mu;
obiara nantew kɔ nʼanim tee.
Wobu fa abandennen so,
na wɔpem kɔ wɔn anim ara.
Wɔtow hyɛ kuropɔn no so
wotu mmirika fa afasu no so
wɔforo kɔ afi mu,
wɔfa mfɛnsere mu te sɛ akorɔmfo.
 
10 Asase wosow wɔ wɔn anim,
na ɔsoro hinhim.
Owia ne ɔsram duru sum,
na nsoromma nhyerɛn bio.
11  Awurade bobɔ mu
de di nʼasraafo no anim.
Nʼakofo no dɔɔso bebree,
ahoɔdenfo ne wɔn a wodi nʼahyɛde so.
Awurade da no yɛ kɛse na ɛyɛ hu;
hena na obetumi agyina ano?
Ahonu
12 “Na afei,” sɛnea Awurade se ni,
“San fa wo koma nyinaa bra me nkyɛn,
wɔ akɔnkyen, osu ne awerɛhow mu.”
 
13 Sunsuan wo koma
na ɛnyɛ wo ntade mu.
San bra Awurade wo Nyankopɔn nkyɛn,
efisɛ, ɔyɛ ɔdomfo, ne yam ye.
Ne bo kyɛ fuw na ne dɔ boro so,
na ɛnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso.
14 Hena na onim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahu mmɔbɔ
na wagyaw nhyira,
a ɛyɛ aduan ne ahwiesa afɔrebɔde
a mode ma Awurade mo Nyankopɔn no.
 
15 Hyɛn torobɛnto wɔ Sion!
Mommɔ akɔnkyen kronkron ho dawuru,
momfrɛ nhyiamu kronkron.
16 Mommoaboa nnipa no ano
montew nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron;
mommoaboa mpanyimfo,
mmofra ne mmea a wɔrema nufu ano.
Ma ayeforo ne ayeforokunu mfi wɔn pia mu mmra.
17 Asɔfo a wɔsom wɔ Awurade anim no,
nsu wɔ afɔremuka no ne abrannaa no ntam;
na wɔnka se, “Awurade fa wo nkurɔfo ho kyɛ wɔn.
Mma wʼagyapade nyɛ ahohorade
anaa fɛwdi wɔ aman no mu.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wubisa wɔ nnipa no mu se,
‘Wɔn Nyame no wɔ he?’ ”
Awurade Mmuae
18 Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho
na ne nkurɔfo ayɛ no mmɔbɔ.
19  Awurade bebua se,
“Merebrɛ mo aduan, nsa foforo ne ngo,
a ɛbɛso mo ama moamee pintinn.
Merenyɛ mo ahohorade
mma aman no bio.
 
20 “Mɛpam atifi fam asraafo no afi wo nkyɛn akɔ akyirikyiri,
mepia wɔn akɔ asase a awo na ɛyɛ kesee so.
Nifa dɔm no bɛmem wɔ Nkyene Po no mu,
na kyidɔm no bɛmem wɔ Ntam Po no mu.
Na afunu no bɛbɔn
na ne nka betu.”
 
Nokware wayɛ nneɛma akɛse!
21 Munnsuro, me nkurɔfo!
Momma mo ani nnye, na monsɛpɛw mo ho.
Nokware Awurade ayɛ nneɛma akɛse.
22 Munnsuro, mo wuram mmoa!
Efisɛ sare so adidibea reyɛ frɔmfrɔm.
Nnua no resow wɔn aba;
borɔdɔma ne bobe nso resow wɔn aba.
23 Momma mo ani nnye, mo Sion mma,
Munni ahurusi wɔ Awurade mo Nyankopɔn mu,
efisɛ watɔ asusowsu ama mo,
ne nokwaredi nti.
Watɔ osu bebree ama mo
wɔ ne bere mu te sɛ kan no.
24 Aduan bɛyɛ awiporowbea hɔ ma,
nsa foforo ne ngo bebu so wɔ kyi amoa mu.
 
25 “Mɛhyɛ mo anan mu,
nea mohweree
mfe dodow a mmoadabi bɛsɛee mo nneɛma,
mmoadabi akɛse ne nkumaa,
ne wɔn a aka no nyinaa,
me dɔm a mesomaa wɔn baa mo so no.
26 Mubedidi amee,
na mubeyi Awurade mo Nyankopɔn din ayɛ.
Ɔno na wayɛ anwonwade ama mo;
me nkurɔfo ani renwu bio.
27 Afei, mubehu sɛ, mewɔ Israel,
mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn,
na obiara nni hɔ sɛ me;
Me nkurɔfo ani renwu bio da.”
Awurade Da
28 “Na akyiri no,
mehwie me honhom agu nnipa nyinaa so,
mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,
mo nkwakoraa bɛsoso adae,
mo mmerante benya anisoadehu.
29 Saa mmere no mu no,
mehwie me Honhom agu
mʼasomfo so, mmarima ne mmea.
30 Mɛyɛ anwonwade wɔ ɔsoro ne asase so,
mede mogya, ogya ne wusiw kumɔnn.
31 Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, owia beduru sum na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.
32 Na obiara a ɔbɔ Awurade din no,
wobegye no nkwa.
Efisɛ nkwagye bɛba
ama wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu
a Awurade afrɛ wɔn
wɔ Sion bepɔw so ne Yerusalem nyinaa,”
sɛnea Awurade aka no.
* 2:2 Sum…da. Sum yɛ daa daa adiyisɛm a wɔka fa Awurade da no ho. (Amos 5.18; Sef 1.15).