4
Asetena A Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ musuaa ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ mofa so tena ase a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. Na saa pɛpɛɛpɛ na morebɔ mo bra. Enti yɛde yɛn Awurade Yesu din srɛ, hyɛ mo sɛ monyɛ mma ɛmmoro nea moreyɛ mprempren no so. Munim nkyerɛkyerɛ a esiane Awurade Yesu tumi nti, yetumi kyerɛkyerɛɛ mo.
Eyi yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho fi aguamammɔ ho. Ɛsɛ sɛ musua sɛnea mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena wɔ kronkronyɛ ne anuonyam mu. Monntena ase akɔnnɔ anibere so te sɛ abosonsomfo a wonnim Onyankopɔn no. Onyankopɔn akyide no bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mo mu biara sisi ne yɔnko, efisɛ sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn bɛtwe nʼaso denneennen sɛnea yɛadi kan abɔ mo kɔkɔ no. Onyankopɔn amfrɛ yɛn se yɛmmɛbɔ aguaman, na mmom ɔfrɛɛ yɛn se yɛntena ase ahotew mu. Ɛno nti, obiara a ɔbɛpo saa nkyerɛkyerɛ yi no mpo onipa, na mmom ɔpo Onyankopɔn a ɔma mo ne Honhom Kronkron no.
Ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw mo afa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ modɔ mo nuanom asuafo no ho. Onyankopɔn akyerɛ mo ankasa ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so dodɔ mo ho mo ho. 10 Na moada saa ɔdɔ no adi pɛpɛɛpɛ akyerɛ anuanom a wɔwɔ Makedonia no nyinaa. Nanso anuanom, yɛsrɛ mo sɛ monkɔ so nnodɔ mo ho mo ho mma ɛmmoro saa. 11 Momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhama sɛnea yɛaka akyerɛ mo dedaw no. 12 Sɛ moyɛ saa a ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafo no afɛre mo na moremmisa nea ehia mo nso mfi obiara nkyɛn.
Awurade Ba No
13 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokware a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a morenni ho awerɛhow te sɛ wɔn a wonni anidaso no. 14 Yegye di sɛ Yesu wui, na ɔsɔree bio. Enti sɛ Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wonyaa ne mu gyidi ansa na wɔrewu no bɛka ne ho aba. 15 Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne se, da a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufo no anim kan. 16 Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano yɛ den, ɔbɔfo panyin nteɛmu ne Onyankopɔn torobɛnto nnyigye fi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kan, 17 na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase bere no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ wim. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa. 18 Enti momfa saa asɛm yi nkyekye obiara werɛ.