2
Paulo Adwumayɛ Wɔ Tesalonika
Anuanom, mo ankasa munim sɛ sra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. Munim ayayade a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyaw a wɔyaw yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika no. Ɛwɔ mu sɛ na nnipa bi tia yɛn de, nanso yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn den ma yɛkaa Asɛmpa a efi ne mu no. Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfi adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, nea yɛkae no yɛ nokware turodoo. Daa yɛka nokware, sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, efisɛ ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ. Munim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛde sikanibere rebɛkata yɛn ani akasa. Onyankopɔn ne yɛn danseni. Sɛ moyɛ Kristo asomafo no nti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ anuonyam fi mo nkyɛn, nanso yemmisaa anuonyam mfii mo anaasɛ onipa foforo bi nkyɛn ɛ. Yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te odwo so, sɛnea ɔbeatan kokɔ ne mma. Yɛhwɛɛ mo yiye, nyaa mo ho anigye sononko; mpo yɛdaa yɛn ho so sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama mo, bere a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no. Anuanom, minim sɛ mokae adwuma a yɛyɛɛ ne brɛ a yɛbrɛe. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo; sɛnea Onyankopɔn Asɛmpa no ka na yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so. 10 Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn nnansefo. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mugyee Asɛmpa no dii no yɛ kronkron a eye na mfomso biara nni ho. 11 Mo ara munim sɛ yɛne mo tenaa sɛnea agya ne nʼankasa mma tena. 12 Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyee mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼahenni ne nʼanuonyam mu no so.
13 Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Bere a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, mutie gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a efi onipa nkyɛn, na mmom ampa ara sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu. 14 Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfo no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfo taa mo no bi na Yudafo a 15 wokum Awurade Yesu ne adiyifo no de taa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi bere biara. 16 Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw yɛn kwan, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufo no nkwagye nkyerɛ wɔn. Eyi maa wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuw wɔ wɔn so.
Paulo Pɛ Sɛ Ɔkɔsra Wɔn Bio
17 Anuanom, yɛantumi amma mo nkyɛn wɔ bere tiaa bi mu, nanso bere biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ sɛ yehu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yebehyia mo ankasa. 18 Yɛpɛɛ sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn. Me Paulo de, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkoro nanso ɔbonsam siw yɛn ho kwan. 19 Nanso dɛn ne yɛn anidaso, anigye, anaa ahenkyɛw a ɛbɛma yɛn anuonyam wɔ Awurade Yesu anim bere a ɔbɛsan aba no? Ɛnyɛ mo ana? 20 Nokware ni, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛw gyina mo so.