42
Asɔfo Adan
Afei ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyiri adiwo hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adiwo no di nhwɛanim no mu, na ɛne atifi fam mfikyiri fasu no nso di nhwɛanim. Ɔdan a ne pon kyerɛ atifi fam yi tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduɔson anum. Adan a ɛne mfimfini adiwo no ntam kwan yɛ anammɔn aduasa ne adan a ɛne mfikyiri adiwo no kwan di nhwɛanim no, ɛso mmrannaa no kyerɛkyerɛ anim wɔ asan abiɛsa no mu biara so. Adan no anim no na ɔkwan bi da a ne trɛw yɛ anammɔn dunum na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apon no ano kyerɛkyerɛ atifi fam. Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ soro no mu no susua, efisɛ na nʼabrannaa no mu trɛw sen mmrannaa a ɛwowɔ asan a edidi ase no. Adan a ɛwɔ asan a ɛto so abiɛsa no nni afadum sɛnea asan a ɛwɔ ase no wɔ no; enti na mu susua sen adan a ɛwowɔ asan a edidi ase no. Na ɔfasu bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyiri adiwo no sa so; na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum a ɛfa adan no anim. Adan a ɛsa so na ɛtoa mfikyiri adiwo no so no tenten yɛ anammɔn aduɔson anum, nanso adan a ɛsa so a ɛbɛn kronkronbea no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Sɛ obi fi mfikyiri adiwo reba mu a, obehu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no abobow ano ani kyerɛ apuei fam. 10 Anafo fam, wɔ mfikyiri adiwo no fasu a ɛkɔ asɔredan no adiwo, na ɛne mfikyiri fasu no di nhwɛanim no ho, na adan bi wɔ hɔ a 11 ɔkwan bi da anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; nʼatenten ne ne trɛw yɛ pɛ, ho apon a wɔfa mu pue no atenten yɛ pɛ. Apon a ɛwɔ atifi fam no 12 nso sesɛ adan a ɛwɔ anafo fam apon no. Na ɔpon bi wɔ ɔkwan a ɛne ɔfasu a ɛkɔ apuei fam no sa so no ano, ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu.
13 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Atifi fam ne anafo fam adan a ani hwɛ asɔredan adiwo no yɛ asɔfo no dea, ɛhɔ na asɔfo a wɔkɔ Awurade anim no bedi afɔrebɔde kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔde kronkron pa ara a ɛyɛ aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde ne afɔdi afɔrebɔde no begu, efisɛ beae no yɛ kronkron. 14 Sɛ asɔfo no kɔ beae kronkron hɔ a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo hɔ kosi sɛ wobeyiyi wɔn ɔsom ntade agu hɔ, efisɛ saa ntade no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntade foforo bi ansa na wɔabɛn mmeaemmeae a ɔmanfo tumi kɔ hɔ no.”
15 Osusuw nea ɛwɔ asɔredan no mu wiee no, ɔde me faa apuei pon no ano puei, na osusuw asɔredan no hyiae. 16 Ɔde susudua no susuw apuei fam; na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 17 Osusuw atifi fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 18 Osusuw anafo fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 19 Afei ɔdan nʼani hwɛɛ atɔe fam, na osusuwii no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 20 Enti na nʼafefare mu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ ahinanan no nyinaa, de tew kronkronbea no ho fi kwasafo atenae no ho.