31
Sida Bi A Ɛwɔ Lebanon
Mfe dubaako mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne dɔm se:
“ ‘Hena ho na wɔde wo kɛseyɛ bɛtoto?
Dwene Asiria ho, sida bi a bere bi na ɛwɔ Lebanon,
Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwae so
nyin kɔɔ soro yiye,
ma ne nkɔn mu boro nhaban a ayɛ kusuu no so.
Nsu no maa no aduan,
mmura a mu dɔ ma enyin kɔɔ soro;
wɔn nsuwansuwa sen faa nʼase nyinaa
de kɔɔ mfuw no so nnua nyinaa ho.
Enti ɛkɔɔ sorosoro
sen mfuw no so nnua nyinaa;
ne dubaa dɔɔso
ne mman nyin yɛɛ atenten,
na nsu dodow a enyaa no nti ɛdennanee.
Wim nnomaa nyinaa
yɛɛ wɔn berebuw wɔ ne dubaa no mu,
wuram mmoa nyinaa
wowoo mma wɔ ne mman no ase
aman akɛse nyinaa
tenaa ne nwini ase.
Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ,
ne dubaa a adennan no nti,
na ne ntin nyin kɔɔ fam
koduu nsu bebree mu.
Sida a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu
nto no,
na ɔpepaw nnua nso
dubaa ne no nyɛ pɛ,
na wontumi mfa ɔfo nnua nso
ntoto ne mman ho,
dua biara nni Onyankopɔn turo
no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.
Mebɔɔ no ahoɔfɛ
maa no mman bebree,
na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa
Onyankopɔn turo no mu no
ani beree no.
10 “ ‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Esiane sɛ enyin kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhaban a abunkam so, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho nti, 11 mede no hyɛɛ amanaman sodifo nsa, sɛ ɔne no nni no sɛnea nʼamumɔyɛ te. Mepoo no, 12 na ananafo aman no mu anuɔdenfo twaa no hwee fam, na ogyaw no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔw ne aku mu; ne mman mu bubuu wɔ subon mu. Asase so aman nyinaa fii ne nwini ase, na wogyaw no hɔ. 13 Wim nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wuram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu. 14 Ɛno nti, nnua a ɛwɔ nsu ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyin nkɔ sorosoro, mmoro nhaban a abunkam so no so. Nnua afoforo biara a enya nsu bebree no rennyin nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bewu akɔ asase ase, wɔ nnipamma a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn.
15 “ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a wɔde no too ɔda mu no, mede awerɛhow kataa nsuwansuwa a mu dɔ no so maa no, na amma ne nsuten no ansen, na misiw ne nsu dodow no kwan. Ne nti mede kusuuyɛ furaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ sare no so nyinaa botowee. 16 Memaa aman no ho popoo wɔ nʼasehwe nnyigyei no ho, bere a mede no baa ɔda mu ne wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no. Afei Eden nnua nyinaa, nea ɛte apɔw na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a enya nsu yiye nyinaa nyaa awerɛkyekye wɔ asase ase. 17 Wɔn a wɔtenaa ne nwini ase, ne ne dɔm a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ ɔda mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ho.
18 “ ‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu de, ɛwɔ he na ebetumi de ne ho atoto wo ho wɔ anuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso wo nso wobesian wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofo mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no.
“ ‘Eyi yɛ Farao ne ne dɔm no, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”