7
Nimdeɛ
Din pa yɛ sen aduhuam papa,
na owuda yɛ sen awoda.
Eye sɛ obi bɛkɔ ayi ase
sen sɛ ɔbɛkɔ aponto ase,
efisɛ owu yɛ onipa biara nkrabea
na ɛsɛ sɛ ateasefo hyɛ eyi nsow.
Awerɛhow ye sen ɔserew,
efisɛ anim a ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ de koma mu nsiesie pa ba.
Onyansafo koma wɔ ayi ase,
nanso nkwaseafo koma wɔ ahosɛpɛwfo fi.
Eye sɛ wobetie onyansafo animka
sen sɛ wobetie nkwaseafo dwom.
Sɛnea nsɔe turuturuw wɔ ɔsɛn ase no
saa ara na nkwaseafo serew te.
Eyi nso yɛ ahuhude.
 
Asisi ma onyansafo dan ɔkwasea,
na kɛtɛasehyɛ sɛe koma.
 
Asɛm awiei ye sen ne mfiase,
na ntoboase ye sen ahantan.
Mma wo koma nsɔre ntɛmntɛm,
na abufuw da nkwaseafo srɛ so.
 
10 Nka se, “Adɛn nti na tete nna no ye sen nnɛ mmere yi?”
Onyansafo mmisa nsɛm sɛɛ.
 
11 Nimdeɛ, ɛyɛ ade pa sɛ agyapade ara pɛ,
so wɔ mfaso ma wɔn a wohu owia.
12 Sɛnea nimdeɛ yɛ bammɔ no,
saa ara na sika nso te;
nanso nhumu ho ade a eye ne sɛ:
nea ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.
13 Dwene nea Onyankopɔn ayɛ ho:
Hena na obetumi ateɛ
nea wɔama akyea?
14 Mmere pa mu, ma wʼani nnye;
nanso mmere bɔne mu, hu sɛ
Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa.
Ɛno nti onipa rentumi nhu
nea ɛbɛto no daakye.
15 Me nkwanna a ɛyɛ ahuhude yi mu, mahu nneɛma abien:
Ɔtreneeni a owu wɔ ne trenee mu,
ne omumɔyɛfo a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumɔyɛ mu.
16 Nyɛ wo ho ɔtreneeni ntra so,
na nyɛ wo ho onyansafo mmoro so;
adɛn nti na wosɛe wo ho?
17 Nyɛ omumɔyɛfo ntra so,
na nyɛ ɔkwasea nso,
adɛn nti na ɛsɛ sɛ wuwu ansa na wo bere aso.
18 Eye sɛ wubeso baako no mu den
nanso nnyaa nea aka no mu.
Onipa a osuro Onyankopɔn no besiw nneyɛe mmoroso nyinaa ano.
 
19 Nimdeɛ ma onyansafo baako tumi bebree
sen kuropɔn mu asodifo du.
 
20 Onipa treneeni biara nni asase so a
ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.
 
21 Mfa nea nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm,
anyɛ saa a wobɛte sɛ wo somfo redome wo,
22 na wunim wɔ wo koma sɛ
wo nso woadome nkurɔfo mpɛn bebree.
23 Mede nimdeɛ asɔ eyinom nyinaa ahwɛ, na mekae se,
“Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafo”
nanso na eyi boro me so.
24 Sɛnea nimdeɛ te biara,
ɛwɔ akyiri na emu dɔ,
hena na obetumi ahwehwɛ ahu?
25 Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte ase,
ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛnea nneɛma nhyehyɛe te
na mate amumɔyɛ mu agyimisɛm ase,
ne nkwaseasɛm mu adammɔsɛm nso.
 
26 Mahu nea ɛyɛ nwene sen owu;
ɔbea a ɔyɛ afiri;
ne koma yɛ nnaadaa
na ne nsa yɛ mpokyerɛ.
Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho
nanso ɔbɔnefo de ɔbɛtɔ nʼafiri mu.
27 Ɔsɛnkafo no se, “Hwɛ eyi ne nea mahwehwɛ ahu:
“Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mihu sɛnea nneɛma nhyehyɛe te,
28 mereyɛ nhwehwɛmu,
na minhu hwee no,
mihuu ɔbarima treneeni baako wɔ mmarima apem mu,
nanso manhu ɔbea treneeni biara wɔ wɔn mu.
29 Eyi nko ara na mahu:
Onyankopɔn yɛɛ adesamma atreneefo,
nanso nnipa adan wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛe foforo.”