11
Wura Aguadi Pii Mu
Fa wʼawi twa po;
na daakye bi wubenya so mfaso.
Fa hyɛ aguadi ason mu, yiw, nea ɛto so awotwe mu,
wunnim atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba asase no so.
 
Sɛ nsu ayɛ omununkum mu ma a,
ɛtɔ osu gu asase so.
Sɛ dua bi bu hwe anafo fam anaa atifi fam a,
nea ɛhwee no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.
Obiara a ɔtwɛn wim nsakrae no rennua,
na nea ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.
 
Sɛnea wunnim ɔkwan a mframa nam so,
anaa sɛnea wɔnwen nipadua wɔ ɔyafunu mu no,
saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase,
ade nyinaa Yɛfo no.
 
Dua wʼaba anɔpa,
na anwummere nso ma wo nsa nna ho,
na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye,
sɛ eyi anaa eyi,
anaasɛ ebia abien no nyinaa bɛyɛ yie.
Kae Wo Bɔfo Wɔ Wo Mmerante Bere Mu
Hann yɛ fɛ;
na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ohu owia.
Mfe dodow a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa
ɛsɛ sɛ onya ahotɔ.
Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne
na ɛbɛdɔɔso.
Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhude.
 
Ma wʼani nnye, aberante, bere a woyɛ ɔbabun,
ma wo koma mma wo anigye wɔ wo mmerantebere mu.
Di nea wo koma pɛ
ne nea wʼaniwa hu akyi,
nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho
Onyankopɔn de wo bɛba atemmu mu.
10 Enti yi adwennwen biara fi wo koma mu
na tow ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu,
efisɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhude.