8
Mommma Mo Werɛ Mfi Awurade
Monhwɛ yiye na munni ahyɛde a merema mo nnɛ yi biara so, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya nkwa na mo ase adɔ dɔɔso na moakɔfa asase a Awurade kaa ntam de hyɛɛ mo agyanom bɔ no atena so. Monkae sɛnea Awurade mo Nyankopɔn dii mo anim faa sare so mfe aduanan, nam so brɛɛ mo ase de sɔɔ mo suban hwɛe sɛ mubedi ne mmara so anaasɛ morenni so no. Nokware, ɔmaa ɔkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase na ɔmaa mo mana, aduan a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da, dii. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, asɛm biara a efi Awurade anom. Mfe aduanan yi nyinaa mu, mo ntade antetew na mo anan ammɔ mpumpunnya na anhonhon nso. Munhu wɔ mo koma mu sɛ, sɛnea ɔbeatan teɛ ne ba no, saa ara nso na Awurade, mo Nyankopɔn, teɛ mo de siesie mo no.
Munni Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde so na monnantew nʼakwan so na momfa nidi mma no. Efisɛ mo Awurade de mo rekɔ asase pa so; asase a nsuten, mmura ne nsuti sen wɔ abon ne mmepɔw mu; asase a atoko, awi, bobe, borɔdɔma, atoaa, ngodua ne ɛwo wɔ so. Ɛyɛ asase a aduan abu wɔ so a wonni biribiara ho hia wɔ so; asase a ɛso abo yɛ adaban na wobetumi atu kɔbere wɔ ne mmepɔw mu.
10 Sɛ mudidi mee a, munhyira Awurade, mo Nyankopɔn, wɔ asase pa a ɔde ama mo no nti. 11 Na monhwɛ yiye na mo werɛ amfi Awurade, mo Nyankopɔn, sɛ morenni ne mmara ne nʼahyɛde a merehyɛ mo nnɛ yi so. 12 Anyɛ saa na sɛ mudidi na momee na musisi mo afi afɛfɛ, na mokɔtenatena mu 13 na mo anantwi ne nguan ase dɔ, na munya dwetɛ ne sika pii, na mo agyapade nyinaa dɔɔso 14 a, saa bere no na ɛsɛ sɛ mohwɛ yiye. Monnyɛ ahomaso na mommma mo werɛ mmfi Awurade mo Nyankopɔn a oyii mo fii Misraim nkoasom asase so no. 15 Ɔno na odii mo anim yii mo fii sare a na ɛso yɛ hu, asase sakoo a osukɔm wɔ so, na awɔ ne nkekantwɛre a wɔn ano wɔ bɔre wɔ so no so. Ɔmaa mo nsu fi ɔbotan mu. 16 Ɔmaa mo mana aduan a mo agyanom nnim dii wɔ sare so. Ɔyɛɛ eyi de brɛɛ mo ase, de sɔɔ mo hwɛe na wama awiei no asi mo yiye. 17 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo sɛ, ɛnsɛ sɛ modwene sɛ mo ahonya no fi mo ankasa mo ahoɔden mu. 18 Daa monkae sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, a ɔma mo tumi ma moyɛ adefo no, ɔyɛ saa de di apam a ɔne mo agyanom hyɛe no so.
19 Sɛ mo werɛ fi Awurade, mo Nyankopɔn, na mokodi anyame afoforo akyi, som wɔn, kotow wɔn a, sɛe na wɔbɛsɛe mo. 20 Sɛnea Awurade asɛe amanaman a na wɔwɔ mo anim no, mo nso sɛ moantie Awurade, mo Nyankopɔn no a, saa ara na wɔbɛsɛe mo.