6
Awurade, Wo Nyankopɔn No
Eyinom ne ahyɛde, mmara ne nhyehyɛe a Awurade mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ me se menkyerɛkyerɛ mo na munni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔfa no so, sɛnea ɛbɛyɛ a mo mma ne wɔn mma besuro Awurade, mo Nyankopɔn, mmere dodow a mote ase no, na moadi ne mmara ne nʼahyɛde a mede ma mo no nyinaa so nyinaa so a mo nkwanna aware. Muntie, Ao Israel, na monhwɛ yiye nni so sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi mo yiye na mo ase atrɛw yiye wɔ asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so no so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no.
Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro. Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu. Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu. Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mote fie anaa monam ɔkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre a, monka ho asɛm. Monkyekye no sɛ agyiraehyɛde mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotiri. Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so.
10  Awurade mo Nyankopɔn de mo ba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no, asase a nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyeree ahyɛ so ma no so, 11 afi a nneɛma pa ahorow a ɛnyɛ mo na moyɛe ahyɛ no ma, mmura a ɛnyɛ mo na mututui, bobeturo a ɛnyɛ mo na moyɛe ne ngonnua a ɛnyɛ mo na muduae no so. Sɛ mudidi mee wɔ saa asase yi so a, 12 monhwɛ yiye na mo werɛ amfi Awurade a ogyee mo fii nkoasom mu wɔ Misraim asase so no.
13 Ɛsɛ sɛ musuro Awurade, mo Nyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam. 14 Munnni anyame foforo akyi; anyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no anyame no; 15 na Awurade mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no yɛ Onyankopɔn ninkufo a nʼabufuw no bɛhyew mo, na ɔbɛsɛe mo afi asase no so. 16 Monnsɔ Awurade, mo Nyankopɔn, nhwɛ sɛnea moyɛe bere a na mowɔ Masa no. 17 Ɛsɛ sɛ mudi Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde ne nea ɛwɔ mmara a ɔde ama mo no mu no so pɛpɛɛpɛ. 18 Monyɛ de ɛteɛ na eye wɔ Awurade ani so na biribiara awie mo yiye. Na moakɔ akɔfa asase pa a Awurade hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no, 19 na moapam atamfo a wɔwɔ mo anim no nyinaa sɛnea Awurade kae no.
20 Daakye bi, sɛ mo mma bisa mo se, “Saa mmara ne nʼahyɛde a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de ama mo yi ase ne dɛn?” 21 a monka nkyerɛ wɔn se, “Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim nanso Awurade nam anwonwatumi so yii yɛn fii Misraim. 22 Yɛn ani tua Awurade nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse na ɛyɛ hu a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfo nyinaa. 23 Oyii yɛn fii Misraim sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn. 24 Na Awurade yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yenni mmara no nyinaa so na yɛmfa obu ne nidi mma no sɛnea ɛbɛma asi yɛn yiye daakye sɛnea ɛte nnɛ yi. 25 Efisɛ sɛ yedi mmara no nyinaa a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛyɛ yɛn trenee.”