29
Apam No Ntimu
Eyinom ne nhyehyɛe a ɛwɔ apam a Awurade hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo no nyɛ wɔ Moab nka apam a ɔne wɔn yɛɛ no wɔ Horeb no mu no ho.
Mose frɛɛ Israelfo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se:
 
Moahu nea Awurade yɛɛ Farao ne ne mpanyimfo ne ne man nyinaa wɔ Misraim no. Mo ankasa muhuu sɔhwɛ akɛse, nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu ne anwonwade akɛse no. Nanso de besi nnɛ yi, Awurade mmaa mo adwene a ɛte asɛm ase anaa ani a ehu ade anaa aso a ɛte asɛm. Nanso Awurade se, mfe aduanan a midii mo anim faa sare so no mu no, mo ntama antetew, na mo mpaboa a ɛhyehyɛ mo anan nso anhwere. Moanni brodo, annom nsa anaa nsa a ano yɛ den. Meyɛɛ saa sɛnea mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn no.
Yeduu ha no, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og ba bɛko tiaa yɛn, nanso yedii wɔn so. Yɛfaa wɔn asase de maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw no fa sɛ wɔn agyapade.
Ɛno nti, munni saa apam yi so sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara a mobɛyɛ no bɛyɛ yiye. 10 Mo nyinaa—mo mmusuakuw mpanyimfo, mo atemmufo, mo ahwɛfo ne Israel mmarima nyinaa, nnɛ mugyina Awurade, mo Nyankopɔn no, anim; 11 mo ne mo mma ne mo yerenom ne ahɔho a wɔte mo mu a wobu mo nnua, soa mo nsu. 12 Mugyina ha sɛ mo ne Awurade, mo Nyankopɔn no, rebɛyɛ apam; apam a Awurade ne mo reyɛ nnɛ na ɔde ntam resɔw ano 13 na wasi so gyinae sɛ nnɛ, moyɛ ne nkurɔfo na ɔno nso bɛyɛ mo Nyankopɔn, sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ no na ɔkaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. 14 Mereyɛ saa apam yi a ne ntam bata ho a, ɛnyɛ mo nko a, 15 mo ne yɛn gyina ha nnɛ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim na mmom, wɔn a wonni ha nnɛ nso ka ho bi.
16 Mo ankasa munim sɛnea yɛtenaa Misraim ne sɛnea yɛreba ha no yɛfaa aman so besii ha. 17 Muhuu akyiwade ahoni a wɔde nnua ne abo ne dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ wɔ wɔn nkyɛn. 18 Monhwɛ yiye sɛ ɔbarima anaa ɔbea anaa abusua biara a ɛwɔ mo mu nnɛ no mu biara koma rennan mfi Awurade, mo Nyankopɔn no, ho nkɔsom saa aman yi anyame; monhwɛ sɛ ntin biara nni mo mu a epuw bɔre a ɛyɛ nwen saa.
19 Sɛ saa onipa no te ntam yi mu nsɛm na ohyira ne ho, na ɔka wɔ ne tirim se, “Me ho sɔnn, ɛmfa ho sɛ menam asoɔden kwan so.” Eyi de atoyerɛnkyɛm bɛba asase a so afɔw ne nea so awo no nyinaa so. 20  Awurade remfa nkyɛ saa onipa no. Nʼabufuw ne ne ninkunu bɛdɛw atia no. Nnome a wɔakyerɛw no saa nhoma yi mu no nyinaa bɛba ne so na Awurade bɛpepa ne din afi ɔsoro ase. 21  Awurade bɛtwe no afi Israel mmusuakuw nyinaa mu na wahwie apam no mu nnome nyinaa a wɔakyerɛw wɔ saa mmara nhoma no mu no agu ne so.
22 Mo mma a wɔbɛba wɔ daakye awo ntoatoaso mu no ne wɔn a wofi ahɔho ase a wofi akyirikyiri asase so behu asase no sɛe ne nyarewa a Awurade de bɛbrɛ asase no. 23 Wobehu sɛ, wɔn asase no nyinaa adan sufre ne nkyene a wonnua so hwee, na hwee mfifi wɔ so na ahabammono biara nnyina so, a ɛnyɛ yiye na hwee nso nnyin wɔ so; sare ahaban mpo. Ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim a Awurade sɛee no nʼabufuwhyew mu no. 24 Aman a atwa ahyia no bebisa se, “Adɛn nti na Awurade ayɛ saa asase yi saa? Adɛn nti na ne bo fu dennen saa?”
25 Na wɔbɛka akyerɛ wɔn se, “Saa asɛm yi sii, efisɛ nnipa a wɔwɔ asase no so buu apam a wɔne Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, yɛe bere a oyii wɔn fii Misraim asase so no. 26 Wɔdan kɔsom anyame afoforo wɔkotow wɔn, anyame a wonnim wɔn, anyame a Awurade nkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsom. 27 Ɛno nti Awurade abufuw dɛw tiaa saa asase yi, nam so de nnome a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no nyinaa baa wɔn so no. 28 Abufuwhyew mu, Awurade tutuu ne nkurɔfo ase fii wɔn asase so twaa wɔn asu de wɔn koguu asase foforo so, sɛnea ɛte mprempren yi.”
29 Kokoamsɛm yɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn no, dea, nanso nneɛma a wɔda no adi no yɛ yɛn ne yɛn asefo dea daa, sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi saa mmara yi mu nsɛm so.