27
Bepɔw Ebal Afɔremuka
Mose ne Israel mpanyimfo hyɛɛ ɔmanfo no se, “Munni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so. Sɛ mutwa Yordan kodu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhyehyɛ abo akɛse na momfa akaadoo nsra ho. Sɛ mutwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so, asase a ɛwo ne nufusu resen so no so a, monkyerɛw mmara no nyinaa ngu so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no. Na sɛ mutwa Yordan a, monhyehyɛ abo yi wɔ Ebal bepɔw so sɛnea merehyɛ mo nnɛ yi na momfa akaadoo nsra ho. Munsi afɔremuka, abo afɔremuka wɔ hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mommfa dade biribiara nka. Momfa abo amuamu nsi Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no na mommɔ ɔhyew afɔre wɔ so mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mommɔ asomdwoe afɔre nso wɔ so na momfa anigye nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. Monkyerɛw mmara no mu nhyehyɛe nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu abo a wɔde akaadoo asra ho no so.”
Nnome A Efi Bepɔw Ebal So
Afei, Mose ne Lewifo asɔfo kasa kyerɛɛ Israelfo no se, “Israel, monyɛ komm na muntie! Nnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, manfo. 10 Monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn no, na munni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi so.”
11 Saa da no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfo no se:
12 Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan a Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuw na wonnyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no. 13 Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuw nso nnyina Ebal bepɔw so nnome.
14 Lewifo nteɛteɛ mu nworo ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so se:
 
15 “Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa nea wɔagu de ahyɛ kokoa mu. Saa ahoni, adwumfo nsa ano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwade.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
16 “Nnome nka obiara a obebu nʼagya anaa ne na animtiaa.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
17 “Nnome nka obiara a opia ɔhye nam so bɔ ne yɔnko korɔn.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
18 “Nnome nka obiara a ɔma onifuraefo fom kwan.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
19 “Nnome nka obiara a osisi ahɔho, nyisaa ne akunafo.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
20 “Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, efisɛ wagu nʼagya mpa ho fi.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
21 “Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
22 “Nnome nka obiara a ɔne ne nuabea bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babea anaa ne na babea.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
23 “Nnome nka obiara a ɔne nʼasebea bɛda.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
24 “Nnome nka obiara a obekum ɔfoforo wɔ kokoa mu.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
25 “Nnome nka obiara a ogye apaade, kum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
26 “Nnome nka obiara a wanni mmara nsɛm yi so na wannye anto mu.”
Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”