23
Nnipa A Wɔmfata Awurade Bagua Asekɔ
Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima akyene no mma Awurade bagua ase.
Wɔn a wɔyɛ mpenamma ne wɔn aseni biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no, mma Awurade bagua ase.
Amonfo anaa Moabfo anaasɛ wɔn asefo biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no mu biara mma Awurade bagua ase. Saa aman yi annye mo, amma mo aduan anaasɛ nsu, bere a mufi Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ofi Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo. Nanso Awurade, mo Nyankopɔn no, antie Balaam. Ɔdan nnome no maa ɛyɛɛ nhyira maa mo, efisɛ Awurade mo Nyankopɔn no, dɔ mo. Na sɛ mote ase yi, mo ne Amonfo ne Moabfo nnyɛ ayɔnkofa apam koraa.
Munnkyi Edomfo anaa Misraimfo, efisɛ Edomfo yɛ mo nuanom, na motenaa Misraimfo nso mu sɛ ahɔho. Wɔn awo ntoatoaso abiɛsa so mma no betumi akɔ Awurade bagua ase.
Atenae Hɔ Afide
Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfo a, montwe mo ho mfi nea ɛho ntew biara ho. 10 Sɛ ɔbarima bi ho gu fi esiane anadwo mu ho nsu a ɛsen a, ɛsɛ sɛ ofi atenae hɔ kɔtena baabi da mu no nyinaa. 11 Edu anwummere a, ɛsɛ sɛ oguare na owia kɔtɔ a, otumi san ba atenae hɔ.
12 Muntwa asraafo atenae hɔ baabi nto hɔ a mubegya mo anan. 13 Mofa biribi nka ne nneɛma ho a mode betu fam. Bere biara a mubegya mo anan no, momfa sofi no ntu amoa na monkata agyanan no so. 14 Ɛsɛ sɛ asraafo atenae hɔ yɛ kronkron, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, nam mo atenae no so bɔ mo ho ban na moadi mo atamfo so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ohu animguasede biara wɔ mo mu; sɛ ɛba saa a, ɔbɛdan nʼakyi akyerɛ mo.
Asetena Pa Ho Mmara
15 Sɛ nkoa guan ba mo nkyɛn bɛbɔ wɔn ho aguaa a, munnyi wɔn mma wɔn wuranom. 16 Momma wɔntena mo mu wɔ kurow biara a wɔpɛ so a monnyɛ wɔn ayayade.
17 Ɛnsɛ sɛ Israelni barima anaa ɔbea biara yɛ nsɔree so oguamanfo. 18 Mommfa afɔrebɔde anaa adenya bi a efi oguamanfo nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea, mma Awurade, mo Nyankopɔn no, fi, efisɛ ɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade.
19 Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduan anaa biribi foforo bi a wogye ho mfɛntom no, monnnye ho mfɛntom. 20 Mutumi gye bosea ho mfɛntom fi ahɔho nkyɛn na nyɛ Israelfo nkyɛn sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ biribiara a moyɛ mu wɔ asase a morekɔ so akɔfa no so.
21 Sɛ mohyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, bɔ a, biribiara a mohyɛɛ no ho bɔ no, monyɛ no ntɛm so. Efisɛ ɛdan dɛn ara a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛdan mo ka na mubedi bɔne ho fɔ. 22 Nanso sɛ moanhyɛ biribiara ho bɔ a, monyɛɛ bɔne biara. 23 Na sɛ wo ara wufi wo pɛ mu hyɛ bɔ a, hwɛ yiye na di asɛm a woaka no so, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, na woafi wo pɛ mu de wʼano ahyɛ no bɔ.
24 Wutumi di bobe aba dodow biara a wopɛ wɔ wo yɔnko bobeturo mu, nanso mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ. 25 Saa ara na mubetumi de mo nsa abubu atoko kakra wɔ mo yɔnko afum, nanso ɛnsɛ sɛ mode afoa twa.