21
Awudi A Wonnim Owudifo No Ho Mpata
Sɛ wohu sɛ wɔakum obi da afum wɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ munnim owudifo no a, mo ntuanofo ne atemmufo no bɛkɔ akosusuw ɔkwan a ɛda nea owufo no da hɔ ne kurow a ɛbɛn no ntam. Afei, mpanyimfo a wɔwɔ kurow a ɛbɛn owufo no pɛɛ no mfa nantwi ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee konnua da na wonni nʼanim mfa no nkɔ subon a womfuntumii anaa wonnuaa hwee wɔ hɔ da na nsu sen wɔ mu. Subon no mu na ɛsɛ sɛ wobu nantwi ba no kɔn mu. Lewifo asɔfo bɛba hɔ, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, paw wɔn sɛ wɔnka asɛm na wonhyira wɔ Awurade din mu. Na wɔn na wosi ntawntaw ne dɛmdi asenni ne asotwe so dua. Ɛsɛ sɛ kurow a ɛbɛn funu no mu mpanyimfo no hohoro wɔn nsa gu nantwi ba a wobuu ne kɔn mu no so, na wɔaka se, “Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛn ani anhu nso. Awurade, gye saa mpata ma wo man Israel a wugyee wɔn no. Mfa mogya a edi bem yi ho so nto wo nkurɔfo Israel so.” Wowie eyi a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afi hɔ. Sɛ wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani so a, na moayi awudi no ho afɔbu afi mo atenae hɔ.
Mmea Nnommumfo Aware
10 Sɛ mokɔ ɔko tia mo atamfo na Awurade, mo Nyankopɔn no, dan wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnommum, 11 na sɛ muhu ɔbea hoɔfɛfo bi wɔ wɔn mu na, mopɛ sɛ mofa no sɛ ɔyere a, mutumi ware no. 12 Momfa no mmra mo fi na munyi ne ti, mmubu ne werɛw, 13 na munyi ntade a na ɔhyɛ wɔ bere a mokyeree no no ngu hɔ. Na ɔntena mo fi nsu nʼagya ne ne na ɔsram akyi ansa na, moatumi akɔ ne ho sɛ ɔyere na wo nso woayɛ no okunu. 14 Sɛ mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no sɛ afenaa, efisɛ moagu nʼanim ase.
Abakan Ho Asɛm
15 Sɛ ɔbarima wɔ yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn nea ɔka ho no, na wɔn baanu no mu biara ne no wɔ ɔbabarima, nanso nʼabakan no yɛ ɔbea a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima, 16 na sɛ ɔhyɛ nsamansew de ma ne mmabarima a, ɛnsɛ sɛ ɔde kyɛfa kɛse no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima no. 17 Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no sɛ nʼabakan no anam so ama no nʼagyapade no mmɔho abien. Saa ɔbabarima no yɛ nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan. Ɛno nti, abakan kyɛfa yɛ ne dea.
Ɔbabarima A Ɔtew Atua
18 Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatewfo a ontie nʼagya ne ne na asɛm wɔ bere a wɔteɛ no so a, 19 nea ɛsɛ sɛ ɛba ara ne sɛ, agya no ne ɛna no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanyimfo a wɔwɔ kurow no pon ano no anim. 20 Wɔbɛpae mu aka akyerɛ mpanyimfo no se, “Yɛn babarima yi yɛ ɔsoɔdenfo ne otuatewfo a ontie yɛn asɛm. Ɔyɛ odidifo ne ɔkɔwensani.” 21 Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ kurow no mu nyinaa siw no abo kum no. Ɛsɛ sɛ mutu bɔne ase fi mo mu. Israel nyinaa bɛte na wɔabɔ hu.
Mmara Ahorow
22 Sɛ obi yɛ amumɔyɛsɛm bi a ɛfata owu na enti wokum no na wɔde no sɛn dua so a, 23 ɛnsɛ sɛ nʼamu no sɛn dua no so ma ade kye so. Ɛsɛ sɛ da no ara, musie amu no, efisɛ obiara a wɔsɛn no wɔ dua so no wɔ Onyankopɔn nnome ase. Munngu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no ho fi.