17
Mommfa anantwi anaa nguan a wɔadi dɛm anaa wonnye mmɔ afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no, efisɛ ɛyɛ nʼakyiwade.
Sɛ ɛba sɛ muhu sɛ ɔbarima anaa ɔbea a ɔka mo ho wɔ kurow baako bi a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu reyɛ bɔne wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim, atia nʼapam no, na wabu mʼahyɛde so resom anyame afoforo, rekotow wɔn; anaa ɔresom owia, ɔsram anaa wim nsoromma, na sɛ mote saa asɛm no a, monhwehwɛ mu yiye. Sɛ ɛyɛ nokware na wɔkɔ mu hu sɛ wɔayɛ saa akyiwade yi wɔ Israel a, momfa saa ɔbarima anaa ɔbea a wayɛ saa bɔne no mmra mo kuropɔn pon ano na munsiw saa onipa no abo nkum no. Nnansefo baanu anaa baasa ano asɛm so na ɛsɛ sɛ wogyina kum saa ɔbarima no. Nanso ɛnsɛ sɛ wogyina ɔdanseni baako pɛ ano asɛm so kum obi. Ɛsɛ sɛ nnansefo no nsa ano abo na wɔtow di kan na akyiri no, nnipa no nyinaa atotow wɔn de de akum no. Saa ɔkwan yi so na mobɛfa atu amumɔyɛfo ase afi mo mu.
Asennii
Sɛ wɔde nsɛm bi ba mo asennii a ne di yɛ mo den sɛ mubebu ho atɛn, sɛ ɛyɛ awudi, nnipa bi ntam manso anaa ntɔkwaw a, momfa wɔn nkɔ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no. Monkɔ asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne otemmufo a ɔte agua mu saa bere no nkyɛn. Mummisa wɔn na wɔbɛkyerɛ mo atɛn a mummu. 10 Munni gyinae a wobesi wɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no so pɛpɛɛpɛ. Monhwɛ yiye na munni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ. 11 Munni mmara a wɔkyerɛ mo ne gyinae a wobesi ama mo no so pɛpɛɛpɛ. Monnnan nea wɔka kyerɛ mo no ani. Monnkɔ nifa anaa benkum. 12 Ɛsɛ sɛ wokum obiara a obebu otemmufo anaa ɔsɔfo a ogyina hɔ resom Awurade, mo Nyankopɔn no, animtiaa no. Ɛsɛ sɛ motɔre amumɔyɛsɛm ase wɔ Israel. 13 Nnipa nyinaa bɛte na wɔasuro na wɔremmu animtiaa bio.
Ɔhene
14 Sɛ mudu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so na mofa tena so na moka se. “Momma yensi yɛn so hene te sɛ aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a,” 15 monhwɛ sɛ mobɛfa obi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no asi mo so hene. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo nuanom no mu bi. Mommfa ɔhɔho a ɔnyɛ mo nua Israelni nsi mo so hene. 16 Ɛnsɛ sɛ saa ɔhene no pɛ apɔnkɔ dodow sɛ nʼagyapade anaasɛ ɔma nnipa san kɔ Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodow bi, efisɛ Awurade aka akyerɛ mo se. “Ɛnsɛ sɛ mosan kɔ mo akyi bio.” 17 Ɛnsɛ sɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, ne koma befi Awurade so. Ɛnsɛ sɛ ɔboaboa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii ano.
18 Sɛ ɔtena ahengua no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw saa mmara yi wɔ nhoma mmobɔwee so wɔ Lewifo asɔfo anim na ɔfa. 19 Mmere dodow a ɔte ase no, ɛsɛ sɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛnea ɛbɛyɛ a, obedi mmara no so na wasuro Awurade, ne Nyankopɔn no. 20 Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ sɛ ɔsen ne manfo no. Ɛremma no ntwe ne ho mfi mmara no ho nkɔ nifa anaa benkum. Na ɔne nʼasefo bedi ade akyɛ wɔ nʼaheman Israel mu.