10
Abo Pon Foforo
Saa bere no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Twa abo apon no abien te sɛ kan de no na foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so. Afei, yɛ dua adaka a wobɛkora wɔ mu. Mɛkyerɛw nsɛm a mekyerɛw guu abo apon abien a edi kan a wububuu mu no bi pɛpɛɛpɛ agu so. Na fa hyɛ adaka no mu.”
Na mede dua ɔkanto yɛɛ adaka, sen abo apon abien sɛ kan de no, na meforoo bepɔw no a na mikura apon abien no. Awurade kyerɛw nsɛm a wakyerɛw bi dedaw, Mmaransɛm Du, a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ mo fi ogya mu wɔ bepɔw no so wɔ mo nhyiamu ase no guu apon no so. Na Awurade de maa me. Na misan fii bepɔw no so na mede abo apon no bɛhyɛɛ adaka a mayɛ no mu sɛnea Awurade hyɛɛ me sɛ menyɛ no, na ɛwɔ hɔ besi nnɛ.
Na Israelfo tu fii Beerot-Bene-Yaakan mmura ho kɔɔ Mosera. Ɛhɔ na Aaron wu ma wosiee no. Aaron babarima Eleasar sii nʼanan mu dii sɔfo. Wofi hɔ tu kɔɔ Gudgod. Wofi Gudgod no, wɔkɔɔ Yotbata, asase a nsuten pii wɔ so. Ɛhɔ na Awurade yii Lewifo abusuakuw sɛ wɔnsoa Awurade apam adaka no na wonnyina Awurade anim nsom no na wɔmfa ne din so nhyira, sɛnea wɔyɛ no nnɛ yi. Ɛno nti na Lewifo no nni agyapade wɔ wɔn mfɛfo Israelfo no mu no. Awurade no ankasa ne wɔn agyapade sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, ka kyerɛɛ wɔn no.
10 Na metenaa bepɔw no so wɔ Awurade anim adaduanan, awia ne anadwo sɛnea meyɛɛ kan no. Na Awurade tiee me bio. Na ɛnyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛsɛe mo. 11  Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sɔre na di nnipa no anim fa wɔn kɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn agyanom no so na wɔmfa no sɛ agyapade.”
Munsuro Awurade
12 Na afei, Israel, dɛn na Awurade, mo Nyankopɔn, hwehwɛ afi mo nkyɛn? Ɔhwehwɛ sɛ musuro no na moyɛ nʼapɛde, na mode mo koma ne mo kra nyinaa dɔ no na mosom no, 13 na mudi Awurade ahyɛde ne ne mmara a mede rema mo nnɛ yi so, na asi mo yiye.
14 Ɔsorosoro mu soro ne asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, de. 15 Nanso Awurade nyaa abadae maa mo agyanom na ɔdɔ wɔn, na ɔpaw mo a moyɛ wɔn asefo gyaa aman nyinaa sɛnea ɛte nnɛ yi. 16 Ɛno nti, monhohoro mo koma mu bɔne na munnyae asoɔden no. 17 Na Awurade, mo Nyankopɔn, yɛ ahene mu hene ne anyame mu nyame. Ɔyɛ Onyankopɔn kɛse, otumfo ne ɔnwonwani a ɔnkyea nʼaso na onnye adanmude nso. 18 Ɔko ma nyisaa ne akunafo, na ɔdɔ ahɔho a wɔte mo mu. Ɔma wɔn aduan ne ntama. 19 Mo nso, ɛsɛ sɛ modɔ ahɔho, efisɛ bere bi na mo ankasa nso yɛ ahɔho wɔ Misraim asase so. 20 Munsuro Awurade, mo Nyankopɔn, na mosom no. Moka mo ho mmata ne ho, na mo ntam a moka nyɛ ne din nko ara. 21 Ɔyɛ mo Nyankopɔn a ɛsɛ sɛ mokamfo no. Ɔno na wayɛ anwonwade akɛse a mo nyinaa ahu bi. 22 Na mo agyanom a wɔkɔɔ Misraim no nyinaa dodow yɛ aduɔson. Nanso afei, Awurade, mo Nyankopɔn no ama mo ase adɔ te sɛ soro nsoromma.