9
Wɔbɛsɛe Israel
Mihuu Awurade sɛ ogyina afɔremuka no ho, na ɔkae se,
“Bɔ Asɔredan no afadum no atifi
na mma ne fapem no nwosow.
Munnwiriw ngu nnipa no nyinaa so;
wɔn a aka no mede afoa bekunkum wɔn.
Ɔbaako mpo rentumi nguan,
obiara rennya ne ho sɔnn.
Mpo sɛ wotu fam kɔ ɔda mu a,
hɔ na me nsa bɛtwe wɔn afi aba.
Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a,
hɔ na meyi wɔn afi aba fam.
Mpo sɛ wɔkɔtetɛw bepɔw Karmel atifi a,
hɔ na metiw wɔn akɔkyere wɔn aba.
Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ po ase a,
hɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.
Mpo sɛ wɔn atamfo de wɔn kɔ nnommum mu a,
hɔ na mɛhyɛ afoa akunkum wɔn.
 
“Megyen mʼani ahwɛ wɔn.
Mede ɔsɛe bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”
 
Awurade, Asafo Awurade,
Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnan,
ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo.
Asase no nyinaa ma ne ho so te sɛ Nil
na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.
Ɔno na osi nʼahemfi a ɛkorɔn wɔ ɔsoro
na ɔto ne fapem wɔ asase so.
Ɔno na ɔboaboa po mu nsu ano
na ohwie gu asase so.
Awurade ne ne din!
“Mo Israelfo,
mo ho hia me sen Etiopiafo?”
Sɛnea Awurade se ni.
Manyi Israelfo amfi Misraim,
ne Filistifo amfi Kaftor,
ne Aramfo nso amfi Kir ana?
 
“Ampa ara Otumfo Awurade ani
wɔ nnebɔne ahenni no so.
Mɛpepa no afi asase ani,
nanso merensɛe Yakobfi korakora,”
sɛnea Awurade se ni.
“Na mɛhyɛ,
na mɛwosow Israelfi,
wɔ amanaman nyinaa mu,
sɛnea wohuhuw atoko so wɔ huhuamoa mu
na aba fua mpo ntɔ fam no.
10 Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ me nkurɔfo mu nyinaa
bɛtotɔ wɔ afoa ano,
wɔn a wɔka se,
‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da no.’
Israel Nsiesiei
11 “Saa da no, mɛsan aba abesi
“Dawid fi a abubu no bio.
Mesiesie ne mmeae a asɛesɛe no,
na masi no sɛnea na ɛte no,
12 na wɔafa Edom nkae no
ne amanaman a me din da wɔn so.”
Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.
13 “Nna no reba,” sɛnea Awurade se ni,
“A nnɔbae no bɛba ntɛm ama otwafo no,
na bobe no abu so ama nea otiatia nsakyiamoa no so no.
Nsa foforo bɛsosɔ afi mmepɔw no so
na ateɛ afi nkoko no nyinaa so.
14 Mede me nkurɔfo Israel nnommum bɛsan aba.
 
“Wɔbɛsan asiesie nkuropɔn a asɛe no na wɔatena mu.
Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa;
wɔbɛyɛ mfikyifuw na wɔadi so nnuaba.
15 Mede Israelfo bedua wɔn ankasa asase so
a wɔrentu bio da
mfi asase a mede ama wɔn no so,”
sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn se ni.