3
Wɔfrɛ Nnansefo Tia Israel
Muntie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Israelfo, nea etia abusua a miyii wɔn fii Misraim no nyinaa:
“Mo nko ara na mayi mo
wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;
enti mɛtwe mo aso
wɔ mo bɔne nyinaa ho.”
 
Nnipa baanu betumi abɔ mu anantew,
wɔ bere a wɔnyɛɛ nokoro ana?
Gyata bobɔ mu wɔ ɔdɔtɔ ase
wɔ bere a onhuu hanam biara ana?
Ɔbobɔ mu wɔ ne tu mu
wɔ bere a ɔnkyeree hanam biara ana?
Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ fam
wɔ baabi a wonsum afiri ana?
Afiri huan konkɔn hɔ wɔ
bere a enyii aboa ana?
Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu a
nnipa no ho mpopo ana?
Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a
ɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana?
 
Ampa ara, Otumfo Awurade nyɛ biribi
a ɔnna ne nhyehyɛe adi
nkyerɛ nʼAsomafo adiyifo no.
 
Gyata no abobɔ mu,
hena na onnsuro?
Otumfo Awurade akasa,
hena na ɔrenhyɛ ho nkɔm?
 
Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban
ne Misraim aban:
“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so;
hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so
ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.”
 
10 “Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,”
sɛnea Awurade se ni.
“Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawia
sie wɔ wɔn aban mu.”
11 Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se,
“Ɔtamfo bi betwiw afa mo asase no so;
Obebubu mo bammɔ agu,
na wɔafow mo aban.”
12 Nea Awurade se ni:
“Sɛnea oguanhwɛfo gye
anan abien nnompe anaa aso sin pɛ
fi gyata anum no,
saa ara na wobegye Israelfo nkwa,
wɔn a wɔtete wɔn mpa ntwea so wɔ Samaria,
ne wɔn a wɔdeda nkongua pa mu wɔ Damasko no.”
13 “Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,”
sɛnea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni.
14 “Da a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,
mɛsɛe afɔremuka a ɛwɔ Bet-El;
wobetwitwa afɔremuka no mmɛn
na abu ahwe fam.
15 Medwiriw awɔwbere mu ofi
ne ahuhurubere mu ofi agu;
na afi a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no
na afi akɛse no nso wobebubu agu,”
sɛnea Awurade se ni.