27
Paulo Kɔ Roma
Wosii gyinae wiee sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔde Paulo ne nneduafo bi hyɛɛ Yulio a ɔyɛ Roma asraafo panyin no nsa. Yɛkɔtenaa hyɛn bi a ɛrekɔ Asia fam no mu wɔ Adramitio. Na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika no ka yɛn ho.
Ade kyee no, yekoduu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔe ma ɔkɔsraa ne nnamfo ma wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no. Esiane sɛ yetuu wɔ hɔ no na mframa bɔ hyia yɛn no nti yɛka kɔɔ Kipro nifa fam. Yɛnam po so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia koduu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu. Ɛhɔ na asraafo panyin no huu hyɛn bi a efi Aleksandria rekɔ Italia. Enti ɔde yɛn kɔtenaa mu. Hyɛn no kɔɔ brɛoo enti yedii nna wɔ po no so. Yɛbrɛɛ ansa na yɛredu Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no nti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam. Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kosii sɛ yɛde ɔbrɛ beduu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn Agyinae a ɛbɛn kurow Lasea.
Na yɛasɛe mmere pii, na saa bere no nso po no sofa yɛ hu efisɛ na ɛyɛ Mpata Da akyi. Paulo tuu wɔn fo se, 10 “Anuanom, mihu sɛ, sɛ yɛtoa yɛn akwantu yi so a, yebehu amane ama ebia hyɛn no abɔ ama emu nneɛma asɛe ama nnipa ahwere wɔn nkwa.” 11 Nanso asraafo panyin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom otiee nsɛm a hyɛnkafo no ne hyɛn no wura kae no. 12 Esiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nye mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔwbere mu no nti nnipa no bebree pɛe sɛ, sɛ ebetumi a anka hyɛn no betu afi hɔ akɔ Foinike. Foinike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafo ntam wɔ Atɔe fam. Ɛyɛ baabi a wobetumi atena hɔ awɔwbere mu.
Po So Mframa A Ɛyɛ Den No
13 Mframa a ano nyɛ den bɔ fii anafo fam no, nnipa no susuw sɛ wobetumi atoa wɔn akwantu no so sɛnea wɔahyehyɛ no. Enti wotuu sɛkyɛ no de hyɛn no faa Kreta mpoano. 14 Ankyɛ koraa na mframa kɛse bi a wɔfrɛ no “Apueitifi Mframa” bɔ fii supɔw no so. 15 Mframa no bɔ bunkam faa yɛn hyɛn no so twee no kɔɔ po no mu. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛdan hyɛn no ani na anyɛ yiye no, yegyae maa mframa no twee no kɔe. 16 Yeduu supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ho a na ɛhɔ mframa ano nyɛ den mpo no, yɛbrɛɛ ansa na yɛretumi atwe hyɛn no korow a ɛsɛn akyi no aba mu. 17 Hyɛn no mu nnwumayɛfo no maa so baa hyɛn no mu bɛkyekyeree no denneennen. Esiane sɛ na wosuro sɛ wɔbɛkɔ akɔka nwea mu nti, woyiyii hyɛn dua no so ntama maa mframa no bɔɔ hyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ. 18 Mframahweam no kɔɔ so bɔe; ɛno nti ade kyee no woyiyii hyɛn no mu nneɛma no bi tow guu po no mu. 19 Ne nnansa so no, wɔsesaw hyɛn no ho nneɛma no bi tow gui. 20 Nna bebree twaa mu a na yenhu owia anaa nsoromma a na mframahweam no gu so retu. Eyi maa yɛn anidaso nyinaa sae.
Paulo Kyekye Wɔn Werɛ
21 Nna bebree twaa mu a na obiara nnidi no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mutiee me na yɛantu amfi Kreta a anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi. 22 Nanso momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ mo mu biara renwu na mmom, hyɛn no na ɛbɛbɔ. 23 Nnɛra anadwo, Onyankopɔn a mesom no no bɔfo baa me nkyɛn 24 bɛka kyerɛɛ me se, ‘Paulo, nsuro! Nea ɛbɛyɛ biara wubedu Kaesare anim ama wɔadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom nti, biribiara renyɛ wɔn.’ 25 Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ migye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ. 26 Nanso nea ɛbɛyɛ biara no hyɛn no bɛbɔ wɔ supɔw bi mpoano.”
Hyɛn No Bɔ
27 Ne nnaawɔtwe abien anadwo no a na mframahweam no nti hyɛn no redi akɔneaba wɔ Adria po so no, ɔdasu mu na hyɛn no mu adwumayɛfo huu sɛ yɛrebɛn asase. 28 Wɔtoo susuhama huu sɛ asu no mu tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonu. Ɛyɛɛ kakra a wosusuw bio no, wohuu sɛ ɛyɛ anammɔn aduɔkron. 29 Esiane sɛ na wosuro sɛ anyɛ a hyɛn no bɛpem ɔbotan bi nti wɔtoo sɛkyɛ anan wɔ hyɛn no akyi twɛn kosii adekyee. 30 Hyɛn no mu nnwumayɛfo pɛɛ sɛ woguan. Enti wogyaw hyɛn no korow no sii po no ani boapa yɛɛ sɛnea wɔrekɔto sɛkyɛ wɔ hyɛn no anim. 31 Paulo ka kyerɛɛ asraafo panyin no ne asraafo a wɔka ne ho no se, “Sɛ hyɛn yi mu nnwumayɛfo no guan a, mubewuwu.” 32 Eyi nti asraafo no twaa hama a ɛkyekye hyɛn no korow no mu no ma ɛkɔe.
33 Ade reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa se wonnidi. Nea ɔkae ne sɛ, “Nnaawɔtwe abien ni, mo mu biara mfaa aduan nkaa nʼano. 34 Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛnea ɛbɛyɛ a, mubenya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara.” 35 Paulo kasa wiei no, ɔfaa brodo bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim na obuu bi dii. 36 Amono mu hɔ ara wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wofii ase didii. 37 Nnipa a na yɛwɔ hyɛn no mu no dodow yɛ ahannu ne aduɔson asia. 38 Obiara didi mee no, hyɛn no mu nnwumayɛfo no tow aburow a ɛwɔ hyɛn no mu no guu po no mu maa hyɛn no mu yɛɛ hare.
39 Ade kyee no, hyɛn no mu nnwumayɛfo no anhu sɛ wɔadu mpoano. Wohuu faako a po no adidi akɔ asase no mu a nsu taa hɔ. Enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka hyɛn no akɔ hɔ ama akɔka. 40 Ɛno nti wotwitwaa hyɛn no sɛkyɛ ahama no mu maa sɛkyɛ no guu po mu. Afei wɔsansan hama a ekura akwankyerɛde no mu na afei wosii ntama a ɛwɔ hyɛn no anim no sɛnea ɛbɛyɛ a mframa betumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano. 41 Nanso ɛhyɛn no kɔpem nweatam bi ma ɛkae. Hyɛn no anim kaa denneennen na asorɔkye a na ɛrebɔ no maa akyi no nso bubui.
42 Asraafo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wobekunkum nneduafo no* nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara rennya kwan nguan. 43 Nanso esiane sɛ na asraafo panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nkwa no nti wamma wɔn ho kwan. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wobetumi aguare no mfi ase nguare nkɔ mpoano. 44 Wɔn a wɔaka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasin a abubu fi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɔkwan yi so na yɛnam beduu mpoano nohɔ dwoodwoo.
* 27:42 Sɛ odeduani bi guan a, wɔde ne sohwɛfo no nkwa si nʼanan mu. Enti na asraafo no nnyaagyaa wɔn ho na amma odeduani bi anguan.