23
Paulo hwɛɛ agyinatufo no dinn kae se, “Anuanom, ahonim pa na mede ayɛ Onyankopɔn adwuma de abesi nnɛ da yi.” Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no hyɛɛ nnipa a na wogyina Paulo ho no se wɔmmɔ nʼano so. Paulo ka kyerɛɛ no se, “Wo a wote sɛ ɔfasu a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wubu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!”
Nnipa a na wogyina Paulo nkyɛn no bisaa no se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanyin?”
Paulo buaa wɔn se, “Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Monnkasa ntia wɔn a wodi mo so.’ ”
Bere a Paulo huu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifo na bi yɛ Farisifo no, ɔteɛɛ mu wɔ agyinatufo no anim se, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofo yɛ Farisifo. Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre mu no nti na migyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.” Asɛm a Paulo kae yi maa ntawntaw sii Farisifo ne Sadukifo no ntam maa wɔn mu kyɛɛ abien efisɛ na Sadukifo no nnye owusɔre, abɔfo ne honhom nni. Nanso Farisifo no de, wogye saa nneɛma abiɛsa no di.
Nteɛteɛmu no kɔɔ so kosii sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi a wɔyɛ Farisifo no sɔre gyinaa hɔ kae se, “Yenhu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no!” 10 Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroo sɛ anhwɛ a wɔbɛtetew Paulo mu; ɛno nti ɔhyɛɛ nʼasraafo sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wonkogye Paulo mfi wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu.
11 Anadwo no, Awurade begyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Sɛnea woadi me ho adanse wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kodi me ho adanse wɔ Roma.”
Wɔbɔ Paulo Ho Pɔw
12 Ade kyee no, Yudafo bi hyia kaa ntam, dii nsew sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kosi sɛ wobekum Paulo. 13 Na saa nnipa no dodow bɛboro aduanan. 14 Afei wɔkɔɔ asɔfo mpanyin ne mpanyin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛaka ntam adi nsew sɛ hwee renka yɛn ano kosi sɛ yebekum Paulo. 15 Mo ne agyinatufo no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka se, mopɛ sɛ mubisa nea Paulo ayɛ no mu yiye enti ɔmma wɔmfa no mmra mo anim. Ansa na wɔde no bedu hɔ no na yɛakum no dedaw.”
16 Nanso Paulo wɔfaase bi tee pɔw a wɔabɔ no nti ɔkɔɔ aban mu hɔ kɔbɔɔ Paulo amanneɛ.
17 Paulo frɛɛ asraafo mpanyin no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Wo ne aberante yi nkɔ ɔsahene no nkyɛn efisɛ ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.” 18 Ɔsraani panyin no ne aberante no kɔɔ ɔsahene no nkyɛn.
Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsahene no se, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberante yi mmehu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.”
19 Ɔsahene no soo aberante no nsa de no kogyinaa nkyɛn baabi bisaa no se, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?”
20 Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Yudafo mpanyin no abɔ pɔw sɛ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufo no sɛ wɔrebebisa no ne nsɛm no mu yiye. 21 Mma wɔnnaadaa wo. Efisɛ mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam adi nsew sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kosi sɛ wobenya Paulo akum no no bɛtetew no wɔ ɔkwan so. Nea wɔretwɛn ara ne sɛ wobɛma ho kwan.”
22 Ɔsafohene no gyaa aberante no kwan ka kyerɛɛ no se, “Nka nkyerɛ obiara sɛ woabɛka asɛm biara akyerɛ me.”
Wɔde Paulo Kɔ Kaesarea
23 Ɔsahene no frɛɛ nʼasraafo mpanyimfo baanu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mompɛ asraafo ahannu ne apɔnkɔsotefo ne mpeawkurafo ahannu na mumfi ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea. 24 Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.”
25 Afei, ɔsahene no kyerɛw nhoma a emu nsɛm ka se:
26 Me Klaudio Lisia a
Merekyerɛw wo Onuonyamfo Amrado Felike saa nhoma yi:
Kyia wo!
27 Yudafo kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafo kogyee no fii wɔn nsam. 28 Mepɛɛ sɛ mihu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufo no. 29 Mihui sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wogyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho. 30 Ɛno nti bere a metee sɛ Yudafo bi abɔ ne ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no akum no no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mede no bɛbrɛ wo. Maka akyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no sɛ, wɔmmra wʼanim mmɛka.
31 Asraafo no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri. 32 Ade kyee no asraafo a wɔnam fam no san wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea. 33 Woduu no wɔde nhoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa. 34 Amrado no kenkan nhoma no wiee no obisaa Paulo ɔman ko a ofi mu. Ɔtee sɛ ofi Kilikia no, 35 ɔkae se, “Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na metie wʼasɛm.” Afei ɔhyɛe se wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfi na asraafo nwɛn no.