2
Pentekoste Da
Pentekoste da* no duu no, na asuafo no nyinaa ahyia wɔ faako. Amono mu hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi ɔsoro ba bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma. Ogya a ɛredɛw a ɛte sɛ tɛkrɛma besisii wɔn so mmaako mmaako. Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn ho kwan no.
Saa bere no na Yudafo bi a wɔfɛre Nyame fi mmeaemmeae aba Yerusalem. Wɔtee nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi behyiae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw, efisɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. Enti wobisae se, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafo ana? Na adɛn nti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ Partifo, Mediafo ne Elamfo, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia, 10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu, 11 ne Kretafo ne Arabfo mu biara kasa mu yi?” 12 Wɔde ahodwiriw bisae se, “Eyi ase ne dɛn?”
13 Afoforo nso dii wɔn ho fɛw se, “Saa nnipa yi abobow nsa.”
Petro Kasa Kyerɛ Dɔm No
14 Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneennen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi. 15 Saa nnipa yi mmow nsa sɛnea mususuw no, efisɛ ade nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa bow. 16 Asɛm a asi yi na odiyifo Yoel hyɛɛ ho nkɔm se:
17 “ ‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no,
mehwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so.
Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm,
mo mmerante nso ahu anisoade.
Na mo mpanyin nso asoso adae.
18 Saa mmere no mu no,
mehwie me Honhom agu mʼasomfo mpo so,
mmarima ne mmea, ama wɔahyɛ nkɔm.
19 Mede mogya ne ogya ne wusiw kumɔnn
bɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne
wɔ ɔsoro ne asase so.
20 Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no,
owia beduru sum
na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya.
21 Na obiara a ɔbɛbɔ
Awurade din no benya nkwa.’
22 “Israelfo, muntie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a obedii no daa adi wɔ tumi ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nam ne so yɛe a mo ankasa di ho adanse no mu. 23 Onyankopɔn ankasa fi ne pɛ ne ne nhumu mu sii gyinae yii Yesu maa mo, na mode no maa nnebɔneyɛfo ma wɔbɔɔ no asennua mu kum no. 24 Nanso Onyankopɔn nyan no fii owu mu ma oyii no fii owuyaw mu, efisɛ owu antumi anni ne so.” 25 Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ,
“Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.
Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti,
merenhinhim da.
26 Ɛno nti me kra ani gye, na me tɛkrɛma di ahurusi.
Me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu.
27 Efisɛ worennyaw me awufo mu.
Na woremma wo Kronkronni no mporɔw.
28 Woakyerɛ me nkwagye kwan;
na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.
29 “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panyin Dawid ho. Owui na wosiee no, na ne nna da so wɔ hɔ besi nnɛ. 30 Na ɔyɛ odiyifo a onim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ se ɔbɛyɛ Dawid asefo no mu baako ɔhene, sɛnea Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ. 31 Dawid huu nea Onyankopɔn rebɛyɛ no ɔkasa faa owusɔre a ɛfa Agyenkwa no ho se, ‘Wɔannyaw no awufo mu. Ne honam nso amporɔw.’ 32 Onyankopɔn anyan saa Yesu yi afi owu mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho nnansefo. 33 Wɔahyɛ no anuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so, na ɛho nsɛnkyerɛnne na muhu na mote yi. 34 Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom ɔkae se,
“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se,
“Tena me nsa nifa so ha,
35 kosi sɛ mede wʼatamfo
bɛyɛ wʼanan ntiaso.” ’
36 “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asennua mu.”
37 Bere a nnipa no tee saa asɛm yi, ɛhaw wɔn yiye. Enti wobisaa Petro ne asomafo a wɔaka no se, “Anuanom, dɛn na yɛnyɛ?”
38 Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no. 39 Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”
40 Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn se, “Munnye mo ho mfi asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfo yi so no mu.” 41 Wɔn mu dodow no ara gyee asɛm no di ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifo no ho.
Asafo No Asetena
42 Daa na wɔde wɔn adagyew nyinaa sua asomafo no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpae. 43 Asomafo no yɛɛ anwonwade ahorow bebree ma obiara a ohuu no ho dwiriw no. 44 Gyidifo no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa koro, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahode mu memaa wɔn ho wɔn ho. 45 Wɔtɔn wɔn ahode kyekyɛɛ sika a wonya fii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛho hia obiara. 46 Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigye ne koma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afi mu. Wɔkamfoo Onyankopɔn, nyaa anuonyam wɔ nnipa anim. 47 Da biara na Awurade de wɔn a ogye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.
* 2:1 Twam Afahyɛ homeda no akyi nnafua aduonum (3 Mose 23.15-16). 2:1 Asuafo dodow a nea asi dedaw nti yɛka wɔn ho asɛm ne dubaako no (ne Matia) nanso dodow yi na wɔbɔ wɔn din nyinaa 1.13-15. 2:1 Ɛnyɛ abansoro dan a wɔte mu no (1.13) na mmom hyiadan no ho baabi. Efisɛ bere biara a wɔabue hyiadan no, na asuafo no wɔ hɔ.