14
Ikoniom Asɛnka
Paulo ne Barnaba duu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafo asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafo ne amanamanmufo bebree bɛyɛɛ agyidifo. Nanso Yudafo a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufo no, san tuu wɔn aso tiaa anuanom no. Asomafo no tenaa hɔ kyɛe. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwonwade ahorow no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokware. Kurow no mu nnipa no mu kyɛɛ abien; fa kɔɔ Yudafo no afa na fa nso kɔɔ asomafo no afa. Amanamanmufo ne Yudafo no ne wɔn mpanyimfo yɛɛ adwene se wɔbɛyɛ wɔn ayayade asan asiw wɔn abo. Asomafo no tee pɔw a wɔbɔ faa wɔn ho no, woguan kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase. Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ.
Obubuafo Bi Ayaresa
Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no wohuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafo fi nʼawo mu. Paulo rekasa no, obubuafo no tiee no maa Paulo huu sɛ ɔwɔ gyidi a ɛbɛma watumi agyina so asa no yare. Enti Paulo hwɛɛ obubuafo no 10 teɛɛ mu se, “Sɔre gyina hɔ!” Amono mu, obubuafo yi huruw gyinae, fii ase nantewee.
11 Nnipa no huu nea Paulo ayɛ no, wofii ase teɛteɛɛ mu wɔ Likaonia kasa mu se, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.” 12 Eyi nti wɔfrɛɛ Barnaba Seus na wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes,* efisɛ ɔno na na ɔka asɛm no. 13 Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no sɔfo de nantwi ne nhwiren baa kurow no pon ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma asomafo no.
14 Bere a Barnaba ne Paulo tee afɔre a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuw sunsuanee wɔn ntade mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuw no mu teɛteɛɛ mu se, 15 “Dɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu no. 16 Bere bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ. 17 Nanso Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanse. Mmere a ɛsɛ mu no, ɔma osu tɔ ma nnɔbae ba; ɔma mo aduan di ma munya ahotɔ.” 18 Nanso saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma wɔn.
19 Yudafo bi fi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wosiw Paulo abo, twee no fii kurow no mu a na wosusuw sɛ wawu. 20 Nanso bere a agyidifo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔre san kɔɔ kurow no mu. Ade kyee no ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe.
Paulo Ne Barnaba San Ba Antiokia
21 Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe ma nnipa pii gye dii. Wofi hɔ no, wɔsan kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia. 22 Wɔhyɛɛ agyidifo no nkuran sɛ wɔntena ase gyidi mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifo yi se, “Ansa na yebetumi akɔ Onyankopɔn ahenni mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahorow pii mu.” 23 Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wosisii mpanyimfo maa wɔn; na wɔnam mpaebɔ ne mmuadadi so de mpanyimfo no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa. 24 Wofi Pisidia no wɔbaa Pamfilia. 25 Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge na wofi hɔ baa Atalia.
26 Wofi Atalia no, wɔsan baa Antiokia a ɛhɔ na bere a na wɔrebefi saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade nsa no. 27 Bere a woduu Antiokia no, wohyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛnea Onyankopɔn abue kwan ama amanamanmufo agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. 28 Paulo ne Barnaba tenaa gyidifo no nkyɛn kyɛe.
* 14:12 Na Seus yɛ Listra abosom mu panyin a ɛhɔ na na nʼabosonnan wɔ. Wɔn a na wɔbɛbɔ afɔre ma Seus no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde ayɛyɛde bɛma Paulo ne Barnaba mmom. Nea enti a wɔfaa Barnaba sɛ Seus ne sɛ na ɔwɔ anuonyam. Wɔfaa Paulo sɛ onyame Hermes, efisɛ na ɔyɛ ɔkyeame (28.6).