5
Dawid Di Israel Nyinaa So Hene
Afei, Israel mmusuakuw no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo. Mmere bi a atwa mu no a mpo, na Saulo yɛ yɛn hene no, wo ara na wudii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ me manfo Israel so guanhwɛfo. Wobɛyɛ wɔn kannifo.’ ”
Enti Dawid ne Israel ntuanofo no yɛɛ apam wɔ Hebron Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.
Dawid dii ade no, na wanya mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan. Ɔtenaa Hebron dii ade wɔ Yuda so mfirihyia ason ne asram asia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfirihyia aduasa abiɛsa.
Dawid Ko Fa Yerusalem
Dawid dii nʼakofo anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifo. Yebusifo no dii wɔn ho fɛw se, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifuraefo ne mmubuafo betu mo afi ha.” Efisɛ na Yebusifo no dwene sɛ wɔwɔ bammɔ. Nanso Dawid ko faa Sion aban no a mprempren wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.
Bere a animka nkra fi bammɔfo a wɔwɔ kurow no mu duu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kurow no mu, na monkɔsɛe Yebusifo mpakye ne anifuraefo no, efisɛ mikyi wɔn! Ɛno nti na wɔka se, ‘Anifuraefo ne mpakye’ renkɔ ahemfi” no.
Enti Dawid yɛɛ nʼatenae wɔ abandennen na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn no mu. Osisii bammɔ adan bebree twaa kurow no ho kaa ho. Wofii dwumadi no ase wɔ Milo de baa mu. 10 Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse adekyee biara, efisɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn ka ne ho.
11 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfo ne abo adansifo ka wɔn ho sɛ wonkosi ahemfi mma no. Huram de sida nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae. 12 Na Dawid huu sɛ, ne nkurɔfo Israelfo nti, Awurade asi no hene, na wayɛ nʼaheman kɛse.
13 Dawid tu fi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmea bebree, faa mpenanom nso. Ɛno nti, ɔwoo mmabarima ne mmabea bebree. 14 Eyinom ne Dawid mmabarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo 15 Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia 16 Elisama, Eliada ne Elifelet.
Dawid Di Filistifo So Nkonim
17 Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wobenya no akyere no. Na Dawid tee no, ɔno nso kɔɔ ne ban mu. 18 Afei, Filistifo no beduu Refaim bon mu, na wɔtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ hɔ. 19 Enti Dawid bisaa Awurade se, “Menkɔtow nhyɛ Filistifo yi so ana? Wobɛdan wɔn ahyɛ me nsa ana?”
Awurade buaa no se, “Yiw, kɔ na mɛdan Filistifo no ahyɛ wo nsa.”
20 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na odii Filistifo no so nkonim. Ɔkae se, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfo no mu sɛ nsuyiri a ɛworo so!” Enti Dawid too beae hɔ din se Baal-Perasim. 21 Filistifo no gyaw wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔe.
22 Filistifo no san baa bio bɛtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ Refaim bon ho, 23 enti Dawid bisaa Awurade nea ɔnyɛ. Awurade buae se, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim. 24 Na sɛ wote nnyigyei te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, bɔ toa wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, Awurade atu di wʼanim rekokunkum Filistifo no.” 25 Enti Dawid yɛɛ nea Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifo no fi Geba de kosii Geser.