2
Dawid Di Yuda So Hene
Mmere no ara mu, Dawid bisaa Awurade se, “Mensan nkɔ Yuda ana?”
Awurade buaa no se, “Kɔ.”
Dawid bisaa no se, “Kurow bɛn na menkɔ so?”
Awurade buaa no se, “Hebron.”
Na Dawid yerenom ne Ahinoam a ofi Yesreel ne Abigail a ofi Karmel a na ɔyɛ Nabal yere no. Enti Dawid ne ne yerenom, ne ne mmarima ne wɔn fifo nyinaa tu kɔɔ Yuda, na wɔkɔtenaa Hebron ne ne nkurow so. Afei, Yuda ntuanofo kɔɔ Hebron, kɔsraa Dawid ngo sii no hene wɔ Yuda abusuakuw so.
Na bere a Dawid tee sɛ Yabes Gilead mmarima asie Saulo no, ɔsomaa abɔfo kosee wɔn se, “Awurade nhyira mo sɛ moayi nokware a ɛte saa adi, ama mo wura Saulo, na moasie no anuonyam so. Na afei, Awurade ne mo nni no yiye na ontua mo dɔ sononko yi so ka. Na me nso metua mo nea a moayɛ yi so ka. Afei a Saulo awu yi, mepɛ sɛ mobɛyɛ mʼasomfo nokwafo sɛ Yudafo a wɔasra me ngo sɛ minni wɔn so hene no.”
Is-Boset Di Hene Wɔ Israel
Na Ner babarima Abner a na ɔyɛ Saulo safohene wɔ nʼakofo so ne Saulo babarima Is-Boset kɔɔ Mahanaim. Ɛhɔ na osii Is-Boset hene wɔ Gilead, Yesreel, Efraim, Benyamin, Asurifo* asase ne Israel nyinaa so.
10 Bere a Is-Boset dii ade no, na wadi mfirihyia aduanan, na odii ade fi Mahanaim mfe abien. Na Yuda abusuakuw no dii Dawid nokware. 11 Dawid yɛɛ Hebron ne kuropɔn. Na odii Yuda so hene mfirihyia ason ne fa.
Israel Ne Yuda Di Ako
12 Da koro bi, Abner dii Is-Boset asraafo anim, fi Mahanaim kɔɔ Gibeon. 13 Saa bere koro no ara mu, Seruia babarima Yoab nso dii Dawid asraafo anim, fi Hebron na wohyiaa Abner wɔ Gibeon ɔtare ho. Akuw abien no tenatenaa ase a na wodi nhwɛanim. 14 Afei, Abner susuw ho kyerɛɛ Yoab se, “Ma yɛmfa yɛn akofo no mu kakra, na wɔmfa wɔn nsa nni ako.”
Yoab penee so kae se, “Wɔnsɔre nko ɛ.”
15 Enti woyii mmarima dumien fii kuw biara mu sɛ wonni wɔn ho ako. 16 Obiara soo ne tamfo tinwi mu, de nʼafoa wowɔɔ wɔn ho wɔn ho, maa wɔn nyinaa wuwui. Enti wɔfrɛ atɔe mu hɔ se Afoa Afuw de besi nnɛ.
17 Afei, nsraadɔm abien no de ɔko hyehyɛɛ so, na saa da no baa awiei no, na Dawid nsraadɔm no adi Abner ne Israel so nkonim.
Asahel Wu
18 Na Yoab, Abisai ne Asahel a wɔyɛ Seruia mmabarima baasa no ka Dawid asraafo no ho saa da no. Na Asahel tu mmirika te sɛ ɔforote, 19 na ɔpam Abner ara sɛ ɔbɛkyere no. 20 Bere a Abner twaa nʼani huu sɛ odi nʼakyi no, ɔteɛɛ mu se, “Wo ni, Asahel!”
Obuae se, “Yiw, ɛyɛ me!” 21 Na Abner ka kyerɛɛ no se, “Ɛno de, kɔhwehwɛ obi foforo, na wone no nko. Kɔ na kotintim mmerante no baako, na gye nʼakode a ɛwɔ ne ho nyinaa.” Nanso Asahel, kɔɔ so taa no.
22 Bio, Abner teɛɛ mu ka kyerɛɛ Asahel se, “Fi ha kɔ! Sɛ mikum wo a, merentumi nhwɛ wo nuabarima Yoab anim.”
23 Nanso Asahel antie ara, enti Abner de ne peaw no wɔɔ ne yafunu mu, maa peaw no pue fii nʼakyi. Obu hwee fam wuu wɔ hɔ. Na obiara a oduu atɔe mu hɔ no gyinaa dinn hwɛɛ Asahel sɛ ɔda hɔ.
24 Bere a Yoab ne Abisai tee asɛm a asi no, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Abner. Bere a woduu Amma bepɔw a ɛbɛn Gia a ɛwɔ ɔkwan a ɛda hɔ kɔ Gibeon sare so no, na onwini adwo. 25 Abner asraafo a wofi Benyamin abusuakuw mu no boaa wɔn ho ano wɔ bepɔw no so yɛɛ krado maa ɔko.
26 Ɛhɔ na Abner teɛɛ mu, ka kyerɛɛ Yoab se, “Enti, ɛsɛ sɛ daa yɛfa afoa so de ka yɛn ntam asɛm ana? Munnhu sɛ, saa ɔkwan no de nitan bɛto yɛn ntam ana? Da bɛn na wobɛfrɛ wo mmarima no aka akyerɛ wɔn se, wonnyae wɔn nuanom Israelfo akyidi?”
27 Na Yoab kae se, “Sɛ woankasa a anka, Onyankopɔn nko ara na onim nea ɛbɛba; anka yɛbɛtaa wo anadwo mu no nyinaa.”
28 Enti Yoab hyɛn ne torobɛnto, maa ne mmarima no gyaee Israel asraafo no taa.
29 Anadwo mu no nyinaa, Abner ne ne mmarima nantew kɔɔ Araba. Wotwaa Yordan bon, toaa so kɔɔ Bitron, beduu Mahanaim.
30 Na Yoab gyaee Abner akyidi, na ɔboaboaa ne mmarima ano. Asahel akyi no, wohuu sɛ Dawid mmarima no mu dunkron ayera. 31 Nanso na Dawid mmarima no akunkum Benyaminfo no mu nnipa ahansia ne aduosia a na wɔka Abner ho no. 32 Wɔfaa Asahel siee no wɔ nʼagya ɔboda mu wɔ Betlehem. Na Yoab ne ne mmarima nantew anadwo mu no nyinaa koduu Hebron adekyee.
* 2:9 Asuri yɛ Aser abusuakuw mu nnipa. 2:13 Yoab te sɛ Abisai ne Asahel nyinaa na na wɔyɛ Dawid wɔfaasenom (nkyekyɛmu 8). 2:28 Sɛ wɔhyɛn torobɛnto a na ɛkyerɛ ɔko bi mfiase anaasɛ nʼawiei.