19
Yoab Ka Ɔhene Anim
Ankyɛ na nkra duu Yoab nkyɛn se ɔhene no resu, redi awerɛhow wɔ Absalom ho. Bere a asraafo no tee ɔhene no awerɛhow a ɔredi wɔ ne ba no ho no, nkonimdi mu anigye a na wɔwɔ mu saa da no dan awerɛhow. Wowiaa wɔn ho kɔɔ kurow no mu sɛnea wɔn a wɔadi nkogu de aniwu guan fi ɔko mu. Ɔhene de ne nsa kataa nʼanim, kɔɔ so twaa adwo se, “Ao, me ba Absalom! Ao, Absalom, me ba, me ba!”
Na Yoab kɔɔ ɔhene no dan mu kɔka kyerɛɛ no se, “Nnɛ yɛagye wo, ne wo mmabarima, ne wo mmabea, ne wo yerenom, ne wo mpenanom nkwa. Nanso woreyɛ eyi de gu yɛn anim ase te sɛ nea yɛayɛ bɔne bi. Wodɔ wʼatamfo, na wotan wʼadɔfo. Woada no adi nnɛ sɛ, yɛnsɛ hwee mma wo. Sɛ Absalom te ase, na yɛn nyinaa awuwu a, anka wopɛ no saa. Afei, fi kɔ mprempren, na kɔma asraafo no mo, na mebɔ Awurade din, ka ntam se, sɛ woanyɛ saa a, wɔn mu baako koraa nka ha anadwo yi. Na ɛbɛma woagyigya asen kan no.”
Na ɔhene no fii adi kɔtenaa kurow no abɔntenpon no ano. Na asɛm no trɛw kurow no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa bere no na Israelfo a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa aguan kɔ wɔn afi mu. Na Israel mmusuakuw no nyinaa mu, na wɔredi abooboo, gye akyinnye. Na nnipa no reka se, “Ɔhene no gyee yɛn fii atamfo a wɔyɛ Filistifo nsam, nanso Absalom taa no, pam no fii ɔman no mu. 10 Na mprempren Absalom a wɔsraa no sɛ ommedi yɛn so hene no nso awu. Momma yɛnkɔka nkyerɛ Dawid na ɔnsan mmra mmedi yɛn so.”
11 Na ɔhene Dawid somaa asɔfo Sadok ne Abiatar, ma wokobisaa Yuda mpanyimfo se, “Adɛn nti na mo de, mompɛ sɛ mode ɔhene ahenni bɛsan ama no? Na mate sɛ Israel nyinaa ayɛ krado, na mo nko ara na motwentwɛn mo anan ase. 12 Moyɛ mʼabusuafo, mʼabusuakuw, mʼankasa me honam ne me mogya. Na ɛno nti, adɛn nti na mutwa to wɔ wɔn a wɔpene sɛ mɛsan aba no mu?” 13 Dawid ma wɔkɔka kyerɛɛ Amasa se, “Sɛ woyɛ me wɔfaase yi, sɛ manyɛ wo ɔsahene ansi Yoab anan mu a, Onyankopɔn ne me nni no nwenweenwen.”
14 Afei, Amasa bɔɔ Yuda ntuanofo no nyinaa adafa, ma wotiee no sɛ nnipa koro. Wɔde saa asɛm yi kɔtoo ɔhene anim se, “Wo ne wɔn a wɔne wo wɔ hɔ no nyinaa mmra yɛn nkyɛn.”
Dawid San Kɔ Yerusalem
15 Na ɔhene no de nʼani kyerɛɛ Yerusalem. Oduu Asubɔnten Yordan ho no, Yudafo behyiaa no sɛ wɔde no retwa asu no. 16 Gera a ɔyɛ Benyaminni a ofi Bahurim babarima Simei ne Yuda mmarima yɛɛ ntɛm kohyiaa ɔhene Dawid. 17 Ɔrekɔ no, na Benyaminfo apem ka ne ho, a na Siba a na ɔyɛ Saulo fi mu soodoni ne ne mmabarima dunum ne nʼasomfo aduonu ka ho. Wɔyɛɛ ntɛm dii ɔhene no kan koduu Yordan hɔ. 18 Wotwa kɔɔ baabi a ɛhɔ nnɔ kɔfaa ɔhene fifo no de wɔn twaa asu no, na wɔyɛɛ nea wɔpɛ biara maa wɔn.
Bere a Gera ba Simei twaa asu no, kɔkotow ɔhene no, 19 srɛɛ no se, “Me wura ɔhene, fa me bɔne kyɛ me. Nkae bɔne a wʼakoa yɛe bere a wufii Yerusalem no Ɔhene yi fi wʼadwene mu. 20 Mahu bɔne a mayɛ, enti na madi kan wɔ Yosef abusua nyinaa mu rebekyia wo yi.”
21 Na Seruia babarima Abisai kae se, “Simei sɛ owu, efisɛ ɔdomee nea Awurade asra no no.”
22 Na Dawid bisae se, “Mo Seruia mma, dɛn na me ne mo wɔ yɛ? Nnɛ nyɛ da a wokum obi. Ɛyɛ anigye da! Masan mabedi hene wɔ Israel so bio!” 23 Enti ɔhene no kaa ntam kyerɛɛ Simei se, “Wɔrenkum wo.”
Dawid Yɛ Mefiboset Adɔe
24 Mefiboset a ɔyɛ Saulo nena nso kohyiaa ɔhene no bi. Efi bere a ɔhene kɔe no, na onsiesiee ne nan ase, nyii ne hweneanonwi, nhoroo ne ntade da, kosii sɛ ɔhene san baa asomdwoe mu no. 25 Ɔhene no bisaa no se, “Mefiboset, adɛn nti na wo ne me ankɔ?”
26 Obuae se, “Nana, me somfo Siba daadaa me. Meyɛ obubuafo nti, mekae se, ‘hyehyɛ mʼafurum ma me, na mentena ne so, sɛnea metumi ne ɔhene akɔ.’ 27 Siba abɛsɛe me akyerɛ me wura ɔhene sɛ mampɛ sɛ meba. Nanso minim sɛ wote sɛ Onyankopɔn bɔfo; ne saa nti, yɛ nea wugye di sɛ eye. 28 Biribiara mfata me ne me nenabarima asefo sɛ owu a ebefi me wura, ɔhene, nanso, woahyɛ me anuonyam wɔ wɔn a wodidi wo pon so no mu. Enti tumi bɛn na mewɔ sɛ mibisa ɔhene nea mehwehwɛ?”
29 Ɔhene ka kyerɛɛ no se, “Adɛn nti na wʼasɛm aware? Mehyɛ mo sɛ, wo ne Siba nkyɛ nsase no mu.”
30 Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Sɛ me wura ɔhene asan aba fie dwoodwoo yi, ma Siba mfa biribiara.”
Dawid Yɛ Barsilai Adɔe
31 Gileadni Barsilai nso fi Rogelim baa sɛ ɔrebɛboa ama ɔhene atwa Yordan. 32 Na Barsilai abɔ akwakoraa a wadi mfe aduɔwɔtwe, na ɔyɛ ɔdefo kɛse. Ɔno na ɔmaa ɔhene biribi dii bere a na ɔte Mahanaim no. 33 Ɔhene no ka kyerɛɛ Barsilai se, “Wo ne me ntwa, na wo ne me nkɔtena Yerusalem, na mɛhwɛ wo.”
34 Nanso, Barsilai buaa ɔhene se, “Aka me nna ahe a ɛsɛ sɛ me ne wo kɔtena Yerusalem, Nana? 35 Madi mfirihyia aduɔwɔtwe, na biribiara nyɛ me akɔnnɔ. Aduan ne nsa nyɛ me dɛ. Nnwontofo nne nso, merente na adesoa nko ara na mɛyɛ ama Nana. 36 Anuonyam a mepɛ ara ne sɛ me ne Nana betwa asu no. 37 Ma wo somfo nsan nʼakyi, sɛnea mewu wɔ me ara me kurom faako a wosiee mʼawofo. Na me babarima Kimham ni. Ma ɔne me wura ɔhene nkɔ na ade pa biara a wopɛ no, yɛ ma no.”
38 Ɔhene no gye too mu kae se, “Eye, Kimham ne me bɛkɔ, na nea anka mɛyɛ ama wo no, mɛyɛ ama no.”
39 Enti nnipa no nyinaa ne ɔhene twaa Yordan, ɔhene no yɛɛ Barsilai atuu, hyiraa no. Na Barsilai san kɔɔ ne kurom. 40 Ɔhene faa Kimham kaa ne ho kɔɔ Gilgal. Yuda asraafo nyinaa ne Israel asraafo no mu fa de ɔhene twaa asu no.
Ɔhene Ho Akyinnyegye
41 Ankyɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene hɔ bebisaa no se, “Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima wiaa ɔhene kɔe, na wɔde Ɔhene ne ne fifo ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho no akotwa Yordan aba?”
42 Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima no se, “Yɛyɛɛ saa, efisɛ, ɔhene no yɛ yɛn busuani pɛɛ. Adɛn nti na mo bo afuw wɔ saa asɛm yi ho? Yɛannye no hwee na ɔno nso amma yɛn aduan anaa akyɛde biara nso.”
43 Na Israel mmarima buaa Yuda mmarima no se, “Yɛwɔ mmusuakuw du wɔ Israel na ɛno nti yɛwɔ ɔhene no mu kyɛfa du. Na adɛn nti na mubu yɛn abomfiaa? Ɛnyɛ yɛn na yedii kan kae se, wɔmfa yɛn hene nsan mmra?”
Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sen Israel mmarima no.