12
Natan Ka Dawid Anim
Awurade somaa odiyifo Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Oduu hɔ no ɔkae se, “Na mmarima baanu bi te kurow bi so. Na mmarima no mu baako yɛ ɔdefo, na nea ɔka ho no nso yɛ ohiani. Na ɔdefo no wɔ nguan ne anantwi bebree, ohiani no de, na onni hwee ka oguan bere ketewa bi a ɔtɔɔ no no ho. Ɔyɛn no maa ɔne ɔno ankasa mma nyin bɔɔ mu. Na ɔne aboa no di nʼaduan, nom fi ne kuruwa mu, na nna mu nso, na daa ɔda nʼabasa so. Na ɔte sɛ ne babea.
“Da koro bi, ɔhɔho bi baa ɔdefo no nkyɛn, nanso wankum ne nguan anaa ne nantwi annoa aduan amfa ansom no hɔho. Na mmom, ɔkɔkyeree ohiani no guanbere no, de yɛɛ aduan maa ɔhɔho a wabɛsoɛ no no.”
Dawid tee asɛm no, ne bo fuw saa ɔbarima no yiye, na ɔka kyerɛɛ Natan se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, ɛfata sɛ ɔbarima a ɔyɛɛ saa no wu. Ɛsɛ sɛ otua oguan bere no ka mmɔ ho anan sɛ ɔyɛɛ bɔne saa a wannya ahummɔbɔ biara.”
Ɛhɔ ara, Natan ka kyerɛɛ Dawid se, “Wone saa ɔbarima no! Awurade, Israel Nyankopɔn, se, ‘Mesraa wo sɛ Israelhene, gyee wo fii Saulo tumi ase. Mede ne fi ne ne yerenom ne Israel ne Yuda ahemman maa wo. Na sɛ na ɛno nnɔɔso a, anka mɛma wo bebree aka ho. Adɛn nti na woabu Awurade asɛm animtiaa, na woayɛ bɔne a ɛte saa? Woakum Hetini Uria, awia ne yere. 10 Efi nnɛ rekɔ, afoa na ɛbɛyɛ ahunahunade ama wo fifo, efisɛ woabu me animtiaa, afa Hetini Uria yere de no ayɛ wo yere.’
11 “Esiane nea woayɛ yi nti, me Awurade, mɛma wʼankasa fi mufo asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforo, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahu. 12 Woyɛɛ eyi wɔ kokoa mu, nanso mɛma nea ɛreba wo so no ada gua, ama Israel nyinaa ahu.”
Dawid Gye Ne Bɔne To Mu
13 Na Dawid ka kyerɛɛ Natan se, “Mayɛ bɔne atia Awurade.”
Natan buae se, “Awurade ayi wo bɔne no afi wo so. Worenwu. 14 Nanso sɛ woama Awurade atamfo kwan sɛ wommu no animtiaa, ngu ne din ho fi nti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bewu.”
15 Natan kɔɔ ne fi ara pɛ, Awurade maa abofra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree denneennen. 16 Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abofra no ntena ase. Ɔkyen ho kɔm, na ɔkɔɔ fi, na anadwo mu no nyinaa, furaa atweaatam, daa fam tim. 17 Mpanyimfo a wɔwɔ ne fi srɛɛ no sɛ ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene. 18 Ne nnanson so, abofra no wui. Na Dawid afotufo no suro sɛ wɔbɛbɔ no amanneɛ sɛ abofra no awu, efisɛ na wɔn adwene ne se, “Bere a na abofra no te ase no, yɛkasa kyerɛɛ Dawid, nanso wantie yɛn. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi aka akyerɛ no se abofra no awu? Anhwɛ a, ɔbɛyɛ ne ho biribi.”
19 Na Dawid huu sɛ nʼafotufo no reyɛ huhuhuhu no, ɔtee nka sɛ abofra no awu. Obisae se, “Abofra no awu ana?”
Wobuae se, “Yiw, wawu.”
20 Na Dawid sɔre fii fam hɔ. Afei, oguare wiee a ɔpetee ne ho aduhuam, na ɔsesaa ne ntade no, ɔkɔɔ Awurade fi kɔsɔree. Afei, ɔkɔɔ nʼankasa fi, na ɔno ankasa ka ma wɔbrɛɛ no aduan, na odidii.
21 Nʼafotufo no bisaa no se, “Nea woreyɛ yi, ase ne dɛn? Bere a abofra no te ase no, wudii mmuada, twaa agyaadwo. Na afei a wawu no mmom na woasɔre adidi!”
22 Obuae se, “Bere a na abofra no da so te ase no de, midii abuada, twaa agyaadwo. Medwenee sɛ, ‘Hena na onim? Ebia, Awurade behu me mmɔbɔ ama abofra no atena.’ 23 Na afei a wawu yi, adɛn nti na ɛsɛ sɛ midi abuada? Metumi asan de no aba nkwa mu bio ana? Mɛkɔ ne nkyɛn da bi, na ɔno de, ɔrensan mma me nkyɛn ha da.”
24 Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ, na ɔne no dae. Onyinsɛnee, woo ɔbabarima, na wɔtoo no din Salomo. Awurade pɛɛ abofra no asɛm, 25 na ɔde asɛm faa odiyifo Natan so se, ɛsɛ sɛ abofra no din yɛ Yedidia, efisɛ na Awurade dɔ no.
Dawid Ko Fa Raba
26 Saa bere no, na Yoab ne Israel asraafo no ako afa Amon ahenkurow Raba no nnommum. 27 Yoab somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Mako atia Raba, afa nea wonya wɔn nsu fi. 28 Afei, fa asraafo a wɔaka no bra na wonwie adwuma no, sɛnea ɛbɛyɛ a, wubenya nkonimdi anuonyam no sen sɛ ɛbɛyɛ me de.”
29 Enti Dawid dii nʼakofo a wɔaka no anim kɔɔ Raba kɔfaa hɔ. 30 Dawid tuu ɔhene no ahenkyɛw, na nnipa no de hyɛɛ Dawid. Wɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ahenkyɛw no a aboɔdenmmo bobɔ mu a, na ɛkari nsania ani kilogram aduasa anan. Dawid fow asade bebree wɔ kuropɔn no mu. 31 Ɔsan faa nnipa a wɔwɔ Raba no sɛ nkoa, hyɛɛ wɔn, ma wɔde ɔwan, pinkase ne mmonnua yɛɛ adwuma wɔ ntayaa fononoo ho. Saa ara na ɔne nnipa a wɔwɔ Amon nkurow nyinaa so dii no. Na Dawid ne nʼakofo san kɔɔ Yerusalem.