29
Filistifo Pam Dawid
Filistifo no boaboaa wɔn asraafo nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfo nso kɔkyeree nsraban wɔ asuti bi ho wɔ Yesreel. Bere a Filistifo ntuanofo de wɔn asraafo akuwakuw ɔha ɔha mu ne mpempem retu ɔsa no, na Dawid nso ne ne dɔm retu ɔsa wɔ wɔn akyi a, Akis ka wɔn ho. Filistifo asahene no bisae se, “Dɛn na Hebrifo yi reyɛ wɔ ha?”
Akis buae se, “Oyi ne Dawid, ɔbarima a oguan fii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe ni. Na efi bere a ogyaw Saulo hɔ besi nnɛ yi, minhuu ne ho mfomso biara.”
Na Filistifo asahene no bo fuw no kae se, “Ma ɔbarima no nsan nkɔ, sɛnea ɔbɛkɔ faako a wode maa no no. Ɛnsɛ sɛ ɔka yɛn ho kɔ ɔko no, efisɛ sɛ anhwɛ a, ɔbɛdan nʼani ako atia yɛn wɔ ɔko no mu. Ɔkwan foforo bi nni hɔ a ɔbɛfa so ne ne wura Saulo aka abɔ mu a ɛbɛma no ako atia yɛn ana? Ɛnyɛ saa Dawid yi na wɔtoo dwom faa ne ho wɔ wɔn asaw mu se:
“Saulo akum ne apem apem
na Dawid de, wakum mpem du du no?”
Na Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no se, “Mmere dodow a Awurade te ase yi, minhyiaa mmarima a wɔte sɛ mo, anka mepɛ sɛ mo ne yɛn kɔ ɔko, nanso Filistifo asodifo a wɔaka no mpene so. Enti san wʼakyi na kɔ no asomdwoe mu. Ɛno nti, nyɛ biribiara a ɛbɛhaw Filistifo no.”
Dawid bisae se, “Dɛn na mayɛ a ɛsɛ sɛ wɔde me fa saa ɔkwan yi so? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ meko tia me wura ɔhene no atamfo?”
Nanso Akis gyinaa mu pintinn kae se, “Me nko ara me fa mu de, woyɛ pɛpɛ te sɛ Onyankopɔn bɔfo. Nanso asahene no suro sɛ wɔde wo bɛka wɔn ho wɔ ɔko mu. 10 Enti sɔre anɔpahema, na wo ne wo mmarima no nkɔ bere a anim retetew no.”
11 Na Dawid san kɔɔ Filistifo asase so, na Filistifo asraafo no nso kɔɔ Yesreel.