19
Saulo Pɛ Sɛ Okum Dawid
Saulo hyɛɛ nʼasomfo ne ne babarima Yonatan sɛ wonkum Dawid. Nanso esiane sɛ na Yonatan adamfo pa ara ne Dawid nti, Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo se, “Ɔkyena anɔpa, pɛ wuram baabi kɔbɔ wo ho aguaa, efisɛ mʼagya rehwehwɛ wo akum wo. Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mehu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amanneɛ.”
Ade kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya se, “Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛhaw wo. Daa, ɔfa ɔkwan biara a obetumi so boa wo. Wo werɛ afi bere a ɔde ne nkwa too ne nsam, kokum Filistini no, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdi kɛse brɛɛ Israel no? Saa bere no, akyinnye biara nni ho sɛ, wʼani gyei. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wukum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛase pa biara nni mu koraa.”
Enti Saulo tiee Yonatan, na ɔkaa ho ntam dii nsew se, “Sɛ Awurade te ase yi, wɔrenkum Dawid.”
Akyiri no, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti ɔfaa Dawid de no kohuu Saulo, na biribiara totɔɔ yiye, sɛnea kan no na ɛte no ara pɛ.
Ankyɛ biara na ɔko bi sii, maa Dawid dii nʼakofo anim kɔko tiaa Filistifo. Ɔde anibere toaa wɔn, maa wɔn nyinaa guanee.
Nanso da bi, Saulo te fi ara no, honhommɔne a efi Awurade bɛhyɛɛ ne mu prɛko pɛ bio. Bere a Dawid rebɔ ne sanku ama ɔhene no, 10 Saulo tow ne peaw kyerɛɛ Dawid so, pɛɛ sɛ okum no. Nanso Dawid twee ne ho, totɔɔ esum mu guan maa peaw no kaa ɔfasu no mu.
Mikal Gye Dawid Nkwa
11 Saulo somaa mmarima kɔɔ Dawid fi kɔwɛn hɔ sɛ, opue anɔpa a wonkum no. Nanso Dawid yere Mikal bɔɔ no kɔkɔ se, “Sɛ woanguan ampɛ wo nkwa anadwo yi a, ɔkyena, wobekum wo.” 12 Enti Mikal de Dawid faa mfɛnsere mu ma oguanee. 13 Na Mikal faa ohoni bi de no too mpa so de atade kataa ho, na ne ti hɔ no nso, ɔde abirekyi ho nwi katae.
14 Bere a Saulo somaa mmarima sɛ wɔnkɔkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɔyare a ontumi nsɔre mfi mpa so.”
15 Saulo san somaa mmarima no bio se, “Monkɔfa no mfi ne mpa so mmra, sɛnea metumi akum no.” 16 Nanso mmarima no wuraa ɔdan no mu no, na ohoni na ɔda mpa no so a abirekyi ho nwi na ɛkata so.
17 Saulo bisaa Mikal se, “Adɛn nti na woadaadaa me, ama me tamfo aguan?” Mikal buaa no se, “Na ɛsɛ sɛ meyɛ saa efisɛ ɔka kyerɛɛ me se, ‘Mammoa no a, obekum me.’ ”
18 Bere a Dawid guanee no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama kɔkaa nea Saulo ayɛ no no nyinaa kyerɛɛ no. Enti Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot. 19 Bere a Saulo tee sɛ Dawid te Naiot a ɛwɔ Rama no, 20 ɔsomaa asraafo sɛ wɔnkɔkyere no mmra. Nanso woduu a wohuu Samuel ne adiyifo bi sɛ wɔrehyɛ nkɔm no, Onyankopɔn honhom baa Saulo mmarima no so, maa wɔn nso hyɛɛ nkɔm. 21 Saulo tee asɛm a aba no, ɔsan somaa asraafo foforo, nanso wɔn nso kɔhyɛɛ nkɔm! Asɛm koro no ara sii ne mprɛnsa so. 22 Akyiri yi koraa, Saulo no ankasa kɔɔ Rama, koduu abura kɛse bi a ɛwɔ Seku ho. Obisae se, “Samuel ne Dawid wɔ he?”
Obi ka kyerɛɛ no se, “Wɔn baanu wɔ Naiot a ɛwɔ Rama hɔ.”
23 Na ɔrekɔ Naiot no, ɔkwan no so na Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm. 24 Osunsuan nʼatade mu, de ne ho too fam, daa hɔ da mu ne anadwo mu nyinaa, hyɛɛ nkɔm wɔ Samuel anim. Nnipa a wɔrehwɛ no no teɛteɛɛ mu se, “Asɛm ni? Enti daa yi Saulo nso yɛ odiyifo?”