16
Samuel Sra Dawid Ngo
Awurade bisaa Samuel se, “Woadi Saulo ho awerɛhow sɛnea ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel hene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmabarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me hene foforo.”
Samuel bisae se, “Mɛyɛ dɛn ayɛ eyi? Sɛ Saulo te a obekum me.”
Na Awurade ka kyerɛɛ no se, “Fa nantwi ba ka wo ho, na ka se, ‘maba sɛ merebɛbɔ afɔre ama Awurade.’ To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmabarima no mu nea wobɛsra no ngo ama me.”
Samuel yɛɛ nea Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Bere a oduu Betlehem no, ɛhɔ mpanyimfo no bɔɔ hu. Wobisaa no se, “Wobaa no asomdwoe mu ana?”
Samuel buae se, “Yiw, asomdwoe mu. Merebɛbɔ afɔre ama Awurade. Munnwira mo ho, na mommɛka me ho na yɛmmɔ.” Enti Samuel dwiraa Yisai ne ne mmabarima no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa afɔrebɔ no ase.
Wodui no, Samuel huu Eliab na osusuwii se, “Ampa, nea Awurade asra no no ni.”
Nanso Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, efisɛ mapo no. Awurade nhwɛ nneɛma sɛnea nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ nea aniwa hu, na Awurade de, ɔhwɛ koma mu.”
Na Yisai frɛɛ Abinadab ma otwaa mu wɔ Samuel anim. Nanso Samuel kae se, “Oyi nyɛ nea Awurade ayi no.” Yisai maa Sama twaa mu, nanso Samuel kae se, “Saa ara na Awurade nyii oyi.” 10 Yisai maa ne mmabarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no se, “Awurade nyii wɔn mu biara ɛ.” 11 Enti obisaa Yisai se, “Mmabarima a wowɔ nyinaa ni ana?”
Yisai buae se, “Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nguan.”
Samuel kae se, “Soma na wɔnkɔfa no mmra mprempren. Sɛ ɔmmae a, yɛrentena ase nnidi.”
12 Enti Yisai soma ma wɔkɔfaa no bae. Na ɔyɛ ɔkɔkɔɔ a ahoɔfɛ aguare no na nʼani yɛ fɛ.
Awurade kae se, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno ni.”
13 Enti Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na efi saa da no, Awurade honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama.
Dawid Som Wɔ Saulo Ahemfi
14 Saa bere yi na Awurade honhom afi Saulo so. Na Awurade maa ɔhaw honhom bɛhyɛɛ no ma. Ɛma ɔtenaa ase ehu ne osuro mu.
15 Ɛbaa saa no, Saulo asomfo no bi kyerɛɛ adwene bi se, “Honhommɔne bi a efi Onyankopɔn hɔ rehaw wo. 16 Momma yɛn Awurade mma ne nkoa mpɛ sankubɔfo papa bi, na sɛ honhom no fi Onyankopɔn hɔ ba wo so a, wabɔ nnwom ama wo, na wo ho bɛtɔ wo.”
17 Saulo kae se, “Monhwehwɛ ɔsankubɔni papa bi na momfa no mmrɛ me.”
18 Asomfo no mu baako buae se, “Yisai a ofi Betlehem babarima baako nim sankubɔ yiye. Ɔyɛ ɔkokodurofo hoɔdenfo, na ɔyɛ ɔbadwemma nso. Ɔyɛ aberante a ne ho yɛ fɛ, na Awurade ka ne ho.”
19 Enti Saulo tuu abɔfo kɔɔ Yisai hɔ kɔka kyerɛɛ no se, “Fa wo babarima Dawid a ɔyɛ oguanhwɛfo no brɛ me.” 20 Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyi ba ne afurum a wɔahyehyɛ aduan ne nsa wɔ ne so ka ho.
21 Dawid kɔɔ Saulo nkyɛn kɔsom no. Na Saulo pɛ Dawid asɛm yiye, enti ɔbɛyɛɛ Saulo akodekurafo no mu baako. 22 Na Saulo de nkra kɔmaa Yisai se, “Ma Dawid nka mʼadwumayɛfo no ho, efisɛ mepɛ nʼasɛm yiye.”
23 Na bere biara a honhommɔne a efi Onyankopɔn bɛba Saulo so abɛhaw no no, Dawid bɔ sanku no. Ɛba saa a, Saulo ho tɔ no, na honhommɔne no nso kɔ.