6
Nsɔwano No
Afei mihuu sɛ Oguamma no atew nsɔwano ason no mu nea edi kan no ano, na metee sɛ ateasefo baanan no mu baako de nne a ɛte sɛ aprannaa reka se, “Bra!” Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ fitaa bi wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no kura agyan na wɔmaa no ahenkyɛw. Ɔkɔɔ sɛ nkonimdifo kodii nkonim.
Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abien no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abien no reka se, “Bra!” Ɔpɔnkɔ foforo a ɔyɛ kɔkɔɔ bae. Ɔmaa nea ɔte ne so no tumi se ɔmfa ɔko mmra asase so na nnipa nkunkum wɔn ho. Wɔmaa no afoa kɛse bi.
Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so abiɛsa no ano, na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so abiɛsa no reka se, “Bra!” Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ tuntum bi wɔ hɔ. Ne kafo no kura nsania abien. Metee biribi te sɛ nne bi fii ateasefo baanan no nkyɛn. Na nne no se, “Awi susukoraa yɛ da koro akatua, na aburow susukoraa abiɛsa nso yɛ da koro akatua. Nanso nsɛe ngo ne bobesa no!”
Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anan no ano na metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no reka se, “Bra!” Mehwɛe, na mihuu ɔpɔnkɔ nsonso bi. Wɔtoo ne sotefo no din “Owu,” na Asaman di nʼakyi pɛɛ. Wɔmaa no asase nkyɛmu anan mu baako so tumi sɛ ɔmfa ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne nkekaboa a wɔwɔ asase so nkunkum wɔn.
Afei Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so anum no ano. Mihuu afɔremuka bi, na ase na wɔn a wokum wɔn wɔ asɛmpa no ne gyidi no ho adansedi akra wɔ. 10 Wɔde nne a ano yɛ den kae se, “Otumfo Awurade, Ɔkronkronni ne Nokwafo! Woretwɛn akosi da bɛn ansa na wɔabu nnipa a wɔwɔ asase so atɛn, na wɔatwe wɔn aso sɛ wokunkum yɛn?” 11 Wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn se wɔntwɛn kakra nkosi sɛ wobekum wɔn nuanom asomfo abɛka wɔn ho.
12 Na mihuu sɛ Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so asia no ano. Na asasewosow a ano yɛ den ba maa owia yɛɛ tumm sɛ birisii, na ɔsram yɛɛ kɔɔ sɛ mogya. 13 Na nsoromma tetew fii soro bɛhwee asase so te sɛnea mframa a ano yɛ den bɔ borɔdɔma bun ma ɛtetew gu fam pɛ. 14 Ɔsoro yeraa te sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw ne asupɔw fii wɔn atenae.
15 Na asase so ahemfo ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu. 16 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw no ne abotan no se, “Monkata yɛn so na momfa yɛn nsie, sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔte ahengua no so no ani renhu yɛn, na yemfi Oguamma no abufuw ano. 17 Wɔn abufuw no da kɛse adu, na hena na obetumi agyina ano?”