4
Ɔsoro Pon A Wɔabue
Eyi akyi no, mehwɛ huu ɔpon a abue wɔ ɔsoro. Na nne bi akasa akyerɛ me pɛn na nnyigyei a ɛte sɛ torobɛnto no kae se, “Foro bra ha, na mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ esi wɔ eyi akyi.” Prɛko pɛ, na Honhom no faa me. Na ahengua bi si ɔsoro hɔ a obi te so. Na nʼanim hyerɛn te sɛ ahwehwɛbo ne bogyanambo. Na nyankontɔn a ɛte sɛ ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia. Na ahengua nketewa aduonu anan atwa ahengua kɛse no ho ahyia a mpanyimfo aduonu anan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw. Na anyinam ne aprannaa bobɔ mu fi ahengua no mu. Na akanea ason a wɔasosɔ redɛw wɔ ahengua no anim. Eyinom yɛ Onyankopɔn ahonhom ason. Na biribi te sɛ ahwehwɛ po a ɛyɛ kurunnyenn sɛ ahwehwɛ da ahengua no anim.
Mfimfini hɔ na ateasefo baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi na wɔatwa ahengua no ho ahyia wɔ. Na ɔteasefo a odi kan no te sɛ gyata; nea ɔto so abien no te sɛ nantwi ba; nea ɔto so abiɛsa no anim te sɛ onipa; na nea ɔto so anan no te sɛ ɔkɔre a ɔretu. Na ateasefo baanan no mu biara wɔ ntaban asia a ani tuatua akyi ne anim nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom se,
“Kronkron, Kronkron
ne Awurade Nyankopɔn Tumfo a
ɔtenaa hɔ na ɔwɔ hɔ na ɔrebɛba no.”
Saa ateasefo baanan no to nnwom de hyɛ nea ɔte ahengua no so a ɔte hɔ daa daa no anuonyam, de ma no nidi, da no ase. Sɛ wɔyɛ saa a, 10 mpanyimfo aduonu anan no butubutuw nea ɔte ahengua no so no anim som nea ɔte hɔ daa daa no. Wɔtow wɔn ahenkyɛw gu ahengua no anim ka se:
11 “Yɛn Awurade ne Nyankopɔn,
wofata sɛ wunya anuonyam, nidi ne tumi,
efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,
na wo pɛ mu nti na wɔte hɔ.”