12
Afɔrebɔ A Ɛte Ase Ma Onyankopɔn
Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ muso mu. Monnyɛ mo ho sɛ wiasefo wɔ mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani ne nea ewie pɛyɛ.
Na esiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no nti, meka kyerɛ mo nyinaa se, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛnea ɛsɛ sɛ modwene, na mmom monnwene mo ho ahobrɛase mu, na mo mu biara nnyina gyidi a Onyankopɔn de ama mo no so. Sɛnea yɛn mu biara wɔ nipadua a ho akwaa yɛ bebree, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a edi no, saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea. Yɛwɔ akyɛde ahorow sɛnea wɔde adom yɛn no. Sɛ obi akyɛde yɛ nkɔmhyɛ a, ma onnyina ne gyidi so mfa nyɛ adwuma. Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔnsom. Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ma ɔnkyerɛkyerɛ. Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa; sɛ ɛyɛ mmoa a ɔde boa afoforo a, ma omfi koma pa mu nyɛ; sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a, ma no mfa nsi nyɛ; sɛ ɛyɛ ayamye a, ma ɔmfa anigye nyɛ.
Onuadɔ
Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokware turodoo. Munkyi amumɔyɛ. Mommata nea eye ho. 10 Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho mo ho. Munni afoforo ni nsen mo ho. 11 Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hyew wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛw nsom Awurade. 12 Munnya anidaso mu anigye, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidi mmɔ mpae. 13 Mone Onyankopɔn nkurɔfo a ahia wɔn no nkyɛ nea mowɔ. Mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden.
14 Munhyira wɔn a wɔtaa mo no. Munhyira wɔn, na monnnome wɔn. 15 Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu. 16 Mo ne afoforo ntena asomdwoe mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfo. Mummmu mo ho anyansafo.
17 Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ nea ɛbɛma nnipa de nidi ama mo. 18 Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne obiara ntena asomdwoe mu. 19 Monntɔ were me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuw ho kwan efisɛ wɔakyerɛw se, “Me na aweretɔ wɔ me, metua ka,” Awurade na ose. 20 Nanso,
“Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni;
sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom.
Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa nnyansramma ano gu nʼatifi.”
21 Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.