10
Gyidi Ne Bɔneka
Anuanom, nea me koma pere hwehwɛ yɛ me mpae a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfo sɛ wobenya nkwagye. Metumi adi wɔn ho adanse sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛnea ɛsɛ. Nanso wɔn som no mfi nimdeɛ mu. Wɔammu trenee a efi Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Eyi amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase. Kristo ne mmara no awiei, enti obiara a ogye di no bɛyɛ ɔtreneeni.
Mose kyerɛe sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, obetumi asɔ Onyankopɔn ani, bere a ɔkyerɛw se, “Sɛ obi pɛ sɛ onya nkwa a, ɔnyɛ nea mmara no ka no nyinaa.” Nanso wɔn a wɔn gyidi nti Onyankopɔn agye wɔn no, mmisa wɔ wɔn koma mu se, “Hena na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?” Na wɔremmisa nso se, “Hena na ɔbɛkɔ awufo asase so akonyan no aba nkwa mu?” Nea Kyerɛwsɛm no ka ni: “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wo koma mu.” Eyi ne asɛm a ɛfa gyidi ho a yɛka no. Sɛ wopae mu ka se, “Yesu ne Awurade,” na wugye di sɛ Onyankopɔn na onyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa. 10 Na yefi koma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagye. 11 Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔde ne ho to ne so no, nʼanim rengu ase.” 12 Nsonoe biara nni Yudani ne Amanamanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na ohyira wɔn a wosu frɛ no. 13 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no benya nkwa.”
14 Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa benya gyidi wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagye? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate? Gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. 15 Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛnea wɔakyerɛw se, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no anan yɛ fɛ.”
16 Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛnea Yesaia kae se, “Awurade, hena na wagye yɛn asɛnka adi?” 17 Ɛno de, na gyidi no fi asɛm no tie mu, nea yɛte fi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu. 18 Nanso mibisa se: Wɔante ana? Mmom wɔtee:
“Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa,
na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.”
19 Mibisa bio se, Israelfo ante ase ana? Nea edi kan, Mose ka se,
“Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me man mpo ho ninkunu.
Mede ɔman a wonni ntease bɛhyɛ mo abufuw.”
20 Na Yesaia de akokoduru ka se,
“Wɔn a wɔnhwehwɛ me no huu me;
medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wommisaa mʼase no.”
21 Na nea ɔka faa Israelfo ho ne sɛ,
“Da mu nyinaa matrɛw me nsa mu
ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”