26
Usia Di Yudahene
Yuda manfo de Amasia babarima Usia a na wadi mfe dunsia tenaa ahengua so sɛ wɔn hene foforo. Usia agya wu akyi no, ɔsan kyekyeree Elot kurow no, na ɔdan maa Yuda. Usia dii ade no, na wadi mfirihyia dunsia, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na a ofi Yerusalem no din de Yeholia. Na ɔteɛ wɔ Awurade ani so, sɛnea nʼagya Amasia teɛ no. Sakaria bere so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan, efisɛ ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na esiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan no nti, Onyankopɔn maa no nkɔso.
Otuu Filistifo so sa, na obubuu Gat, Yabne ne Asdod afasu. Na ɔkyekyeree nkurow afoforo wɔ Asdod fam ne mmeaemmeae bi a ɛwɔ Filistia. Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifo koe no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfo a wɔwɔ Gur Baal koe ne Meunifo ko mu nso, ɔboaa no. Meunifo no tuaa sonkahiri maa no, na ne din hyeta koduu Misraim, efisɛ na ɔwɔ tumi a ɛso.
Usia* sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɔtwɔw Pon ano, Obon Pon ano ne ɔfasu no ntwea mu no. 10 Ɔsan sisii abankɛse wɔ sare so, tutuu mmura bebree, efisɛ na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔw ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfo bebree a wɔhwɛ ne mfuw ne ne bobeturo a ɛwɔ mmepɔw no nsian mu ne obon nsasebere no so.
11 Na Usia wɔ asraafo a wɔyɛ akofo akɛse a wɔwɔ akodi mu ntetewee. Na wɔyɛ akuw akuw a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ asraafodɔm no kyerɛwfo, ne ne boafo Maaseia na wɔboaboa akofo kuw kɛse yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanyimfo no mu baako ase. 12 Mmusua ntuanofo mpenu ahansia na na wɔma saa akofo abenfo yi akwankyerɛ. 13 Na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa ne ason, ahannum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfo biara. 14 Usia maa asraafodɔm no nyinaa nkatabo, mpeaw, nnadekyɛw, agyiraehyɛde, bɛmma ne ahwimmo abo. 15 Afei, abenfo bi yɛɛ mfi de sisii Yerusalem afasu no so a ɛtow agyan ne abo fi abantenten no so ne fasu twɔtwɔw so. Nʼanuonyam hyetae, efisɛ Awurade boaa no yiye kosii sɛ onyaa tumi kɛse.
Usia Bɔne Ne Nʼasotwe
16 Nanso onyaa tumi kɛse no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so ma ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa Awurade ne Nyankopɔn, efisɛ ɔkɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔhyew nnuhuam wɔ afɔremuka no so. 17 Ɔsɔfopanyin Asaria ne Awurade asɔfo foforo aduɔwɔtwe, akokodurufo kɔhwehwɛɛ no. 18 Wɔka sii ɔhene Usia anim se, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohyew nnuhuam ma Awurade. Ɛyɛ asɔfo nko ara, Aaron mmabarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadi no nko ara adwuma. Fi kronkronbea ha kɔ, efisɛ woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo anuonyam wɔ eyi ho.”
19 Usia bo fuw yiye, na wamfa nnuhuamhyew kuruwa a na okura no ansi fam. Ɔne asɔfo no gyina nnuhuam afɔremuka no anim wɔ Awurade Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so. 20 Bere a Asaria ne asɔfo a wɔaka no huu kwata no, wopiapiaa no fii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ofi hɔ ntɛm, efisɛ Awurade na na wabɔ no. 21 Enti kwata yɛɛ ɔhene Usia kosii sɛ owui. Wɔpam no fi nnipa mu maa ɔno nko ara tenae a wankɔ Awurade Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfi hɔ ma odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so. 22 Amos babarima Yesaia akyerɛw Usia ahenni ho nsɛm nkae fi mfiase kosi awiei ato hɔ. 23 Usia wui, na esiane sɛ kwata yɛɛ no nti, wosiee no bɛn ahemfo amusiei. Na ne babarima Yotam na odii nʼade sɛ ɔhene.
* 26:9 Usia dii nkonim wɔ anafo-apuei ne anafo-apuei fam. Israelhene oniɔdenfo Yeroboam II nso hwɛɛ Yuda atifi fam so.