7
Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo. Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree. Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.”
Nehemia Kyerɛw Nnipa No Din
Saa bere no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afi kakraa bi na na esisi kuropɔn no mu. Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni:
 
Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. Wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana.
 
Israelfo dodow a wofi nnommum mu bae no ni:
Abusuafo dodow ni:
  Paros asefo 2,172
Sefatia asefo 372
10 Arah asefo 652
11 Pahat-Moab (Yesua ne Yoab) asefo 2,818
12 Elam asefo 1,254
13 Satu asefo 845
14 Sakai asefo 760
15 Binui asefo 648
16 Bebai asefo 628
17 Asgad asefo 2,322
18 Adonikam asefo 667
19 Bigwai asefo 2,067
20 Adin asefo 655
21 Ater (Hesekia) asefo 98
22 Hasum asefo 328
23 Besai asefo 324
24 Harif asefo 112
25 Gibeon asefo 95
26 Mmarima dodow a wofi
  Betlehem ne Netofa 188
27 Anatot 128
28 Bet-Asmawet 42
29 Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 743
30 Rama ne Geba 621
31 Mikmas 122
32 Bet-El ne Ai 123
33 Nebo 52
34 Elam 1,254
35 Harim 320
36 Yeriko 345
37 Lod, Hadid ne Ono 721
38 Senaa 3,930
 
39 Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae:
Yedaia asefo (Yesua fifo mu no) 973
40 Imer asefo 1,052
41 Pashur asefo 1,247
42 Harim asefo 1,017
 
43 Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae:
Yesua (Kadmiel ne Hodewa fifo) asefo 74
 
44 Nnwontofo:
Asaf asefo 148
 
45 Asɔredan Aponanohwɛfo:
Salum, Ater, Talmon asefo,
Akub, Hatita ne Sobai asefo 138
 
46 Asɔredan mu asomfo:
Siha, Hasufa, Tabaot asefo,
47 Keros, Siaha, Padon asefo,
48 Lebana, Hagaba, Salmai asefo,
49 Hanan, Gidel, Gahar asefo,
50 Reaia, Resin, Nekoda asefo,
51 Gasam, Usa, Paseah asefo,
52 Besai, Meunim, Nefusim asefo,
53 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefo,
54 Baslit, Mehida, Harsa asefo
55 Barkos, Sisera, Tema asefo
56 Nesia ne Hatifa asefo,
57 Ɔhene Salomo asefo asomfo a wofi nnommum mu bae no ni:
Sotai, Soferet, Perida asefo,
58 Yaala, Darkon, Gidel asefo,
59 Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Amon asefo,
60 Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no nyinaa, na wɔn dodow yɛ 392
 
61 Kuw foforo bi a saa bere yi wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yiye sɛ, wɔn anaa wɔn asefo no ase fi Israel:
62 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua no ka saa kuw yi ho, na wɔn dodow yɛ 642
 
63 Asɔfo baasa a wɔn din de
Habaia, Hakos ne Barsilai a wɔyɛ mmusua abiɛsa no nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ofi Gilead mmabea no baako ama wafa ɔbea no abusuadin.)
64 Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. 65 Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.
 
66 Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), 67 a ɛno akyi, asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) ne nnwontofo mmarima ne mmea ahannu aduanan anum (245) ka ho. 68 Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa asia (736), funumpɔnkɔ ahannu ne aduanan anum (245). 69 Yoma ahannan ne aduasa anum (435) ne mfurum mpem asia ahanson ne aduonu (6,720) kaa wɔn ho.
 
70 Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem (1,000), sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum (50) ne asɔfotade ahannum ne aduasa (530). 71 Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no. 72 Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason (67).
73 Enti asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne nnipa no bi, ne Israelfo a wɔaka nyinaa bɔɔ atenase wɔ wɔn ankasa nkurow so.
Ɛsra Kenkan Mmara No
Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfo akokɔ wɔn nkurow so no,