3
Wɔto Yerusalem Ɔfasu No Bio
Afei, ɔsɔfopanyin Eliasib ne asɔfo bi fii ase too ɔfasu no fii Nguan Pon no. Wodwiraa ho, sisii nʼapon, de kosii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no. Nnipa a wofi Yeriko kuropɔn no mu toaa wɔn so yɛɛ adwuma wɔ hɔ, na Imri babarima Sakur dii so.
 
Hasenaa mmabarima na wosii Mpataa Pon no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no, de nkyerewa ne adaban hyehyɛɛ mmeae a ehia. Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena na osiesiee ɔfasu no fa a edi hɔ no. Nʼaboafo ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nena na afei Baana babarima Sadok. Wɔn a wodi so ne Tekoafo, mmom wɔn mpanyimfo no ampene sɛ wɔbɛboa.
 
Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wosiesiee Kuropɔn Dedaw Pon no. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no de nkyerewa ne adaban bobɔɔ mu. Wɔn a wodi wɔn so yɛ Melatia a ofi Gibeon, Yadon a ofi Meronot ne nnipa a wofi Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no atenae. Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfo no na odi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasu no ho. Hanania a ɔyɛ aduhuamyɛfo no na odi so. Wogyaw Yerusalem fa bi a ekosi Ɔfasu Tɛtrɛɛ no.
Nea odi so yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansin fa bi ano no no, babarima Refaia. 10 Nea odi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a osiesiee ɔfasu no fa bi a ɛbɛn ne fi, na nea odi ne so ne Hasabnia babarima Hatus. 11 Nea odi so ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wosiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasu no fa bi ho. 12 Halohes babarima Salum ne ne mmabea na wosiesiee ɔfa a edi hɔ no. Ɔno na na otua Yerusalem mansin fa a aka no ano.
 
13 Sanoafo a Hanun da wɔn ano no na wosiesiee Obon Pon no, sisii nʼapon, de nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, wosiesiee ɔfasu no anammɔn apem ne ahannum de kosii Sumina Pon no.
 
14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansin ano no na osiesiee Sumina Pon no. Osiesie wiei no, osisii apon no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bram no.
 
15 Kol-Hose babarima Salum a na otua Mispa mansin ano no na osiesiee Asuti Pon no. Osiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapon na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, osiesiee Siloam abura ho fasu a ɛbɛn ɔhene mfikyifuw no. Ɔsan too ɔfasu no kosii atrapoe a esian fi Dawid kuropɔn mu no. 16 Nea ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na otua Bet-Sur* mansin fa ano no. Ɔtoo ɔfasu no kosii faako a na ɛne adehye amusiei no di nhwɛanim, kosi nsukorae no so ne Dɔmmarima Fi.
17 Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifo kuw a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a na ɔyɛ Keila mansin fa ntuanoni no na osii nʼankasa mansin anan mu hwɛɛ fasu no si so. 18 Wɔn a wodi so yɛ ɔno ara ne manfo a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na otua Keila mansin fa no ano. 19 Wɔn a wodi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a otua Mispa ano no. Wosiesiee ɔfasu no fa bi a ɛne akode adekoradan fapem di nhwɛanim no. 20 Onipa a odi so ne Sabai babarima Baruk a osiesiee fa bi fi fapem no, de kosii ɔsɔfopanyin Eliasib fi pon no ano. 21 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena nso, siesiee ɔfasu no fa bi fi faako a ɛne Eliasib fi pon di nhwɛanim no, de kosii ofi no nkyɛn baabi.
22 Afei, asɔfo a wofifi amantam a atwa hɔ ahyia na wodi so. 23 Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nena nso siesiee ɔfasu no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afi no. 24 Nea odi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a osiesiee ɔfasu no fa bi a efi Asaria fi kosi fapem no ntwea so hɔ. 25 Usai babarima Palal toaa adwuma no so fii faako a ɛne fapem no ne ntwea so hɔ no di nhwɛanim, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfi a ɛbɛn awɛmfo no adiwo no. Nea odi ne so yɛ Paros babarima Pedaia, 26 ne asɔredan mu asomfo a na wɔte koko Ofel so. Wosiesiee ɔfasu no kosii Nsu Pon no de kɔ apuei fam ne abantenten a eyi ne ho adi no. 27 Afei, Tekoafo nso toaa so. Wobesiesiee ɔfa foforo bi a ɛne abantenten kɛse a eyi ne ho adi no ntentenso kosi Ofel fasu no.
 
28 Asɔfo no nso siesiee ɔfasu no a ɛwɔ koko so na ɛtoa Apɔnkɔ Pon no so no. Obiara siesiee baabi a ɛne ne fi di nhwɛanim. 29 Nea odi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. Nea ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apuei pon ano hwɛfo no. 30 Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔto so asia no siesiee ɔfasu no fa bi, na Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. 31 Malkia a ɔyɛ sikadwumfo no mu baako siesiee ɔfasu no kosii Asɔredan mu asomfo ne aguadifo fi a Bagua Pon no ne no di nhwɛanim. Afei ɔtoa so kosii abansoro a ɛwɔ twea so hɔ no. 32 Sikadwumfo a wɔaka no ne aguadifo no siesiee ɔfasu no fii saa twea so hɔ de kosii Nguan Pon no ano.
* 3:16 Bet-Sur yɛ tete Dawid ahowɛmfo atenae. (2 Sam 23.8-39)