11
Nnipa No Kɔtena Yerusalem
Afei, ɔmanfo no ntuanofo kɔtenaa Yerusalem, kuropɔn kronkron no mu. Wɔbɔɔ ntonto kronkron wɔ nnipa no a na wɔtete Yuda ne Benyamin nkurow bi no so, yii mu nkyɛmu du mu baako ma wɔn nso kɔtenaa hɔ. Na nkae no de, wɔtenaa nea wɔte hɔ ara. Na ɔmanfo no kamfoo obiara a ofi ne pɛ mu san kɔtenaa Yerusalem no.
 
Amantam mu mpanyimfo a wɔbaa Yerusalem no din na wɔakyerɛw wɔ ha yi. Ɔmanfo no mu fa kɛse a wɔyɛ asɔfo, Lewifo, Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no kɔɔ so tenaa wɔn ankasa afi mu wɔ Yuda nkurow ahorow so, nanso nnipa no bi a wofi Yuda ne Benyamin mu no san kɔtenaa Yerusalem.
 
Yuda abusuakuw mu nnipa no ni:
Usia babarima Ataia, Sakaria babarima, Amaria babarima, Sefatia babarima, Mahalalel babarima a ofi Peres abusua mu;
Baruk babarima Maaseia, Kol-Hose babarima, Hasaia babarima, Adaia babarima, Yoiarib babarima, Sakaria babarima a ofi Sela abusua mu.
Afei, na Peres asefo ahannan ne aduosia awotwe (468) a wodi mu no na na wɔte Yerusalem.
Benyamin abusuakuw no mu nnipa ni:
Mesulam babarima Salu, Yoed babarima, Pedaia babarima, Kolaia babarima, Maaseia babarima, Itiel babarima ne Yesaia babarima; na nʼakyi no na Gabai ne Salai, ne abusuafo ahankron aduonu awotwe (928) ba.
Wɔn panyin pa ara no ne Sikri babarima Yoel na Hasenua, a ɔyɛ kuropɔn no sohwɛfo abediakyiri babarima Yuda boaa no.
10 Asɔfo no mu nnipa ni:
Yoiarib babarima Yedaia; Yakin;
11 ne Hilkia babarima Seraia, Mesulam babarima, Sadok babarima, Meraiot babarima ne Ahitub a na ɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no sohwɛfo babarima, 12 ne wɔn mfɛfo ahanwɔtwe aduonu abien (822) a, na wɔyɛ adwuma wɔ Asɔredan no mu, ne Yeroham babarima Adaia, Pelalia babarima, Amsi babarima, Sakaria babarima, Pashur babarima, Malkia babarima 13 ne ne mfɛfo ahannu aduanan abien (242) a wɔyɛ wɔn mmusua ntuanofo. Wɔn a na wɔka ho nso ne Asarel babarima Amasai, Ahsai babarima, Mesilemot babarima, Imer babarima 14 ne ne mfɛfo atitiriw ɔha aduonu awotwe (128). Wɔn panyin pa ara a otua wɔn ano no ne Hagedolim babarima Sabdiel.
15 Lewifo no nso ni:
Hasub babarima Semaia, Asrikam babarima, Hasabia babarima, Buni babarima;
16 ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyiri dwumadi so;
17 Mika babarima Matania, Sabdi babarima a ɔyɛ Asaf aseni a ɔde mpaebɔ buee aseda afɔre som ano;
Bakbukia a na ɔyɛ Matania abediakyiri ne Samua babarima Abda, Galal babarima, Yedutun babarima.
18 Na Lewifo a wɔwɔ kuropɔn kronkron no mu no nyinaa dodow si ahannu aduɔwɔtwe anan (284).
19 Aponanohwɛfo no ni:
Akub, Talmon ne wɔn mfɛfo ɔha aduɔson abien a (172) na wɔwɛn wɔ apon no ano.
 
20 Asɔfo a wɔaka no, Lewifo ne Israelfo nkae no tenatenaa Yudaman mu baabiara a wɔn agyapade wɔ.
21 Nanso Asɔredan mu asomfo no a na Siha ne Gispa da wɔn ano no de, wɔn nyinaa kɔtenaa Ofel koko so.
22 Na ɔpanyin pa ara a otua Lewifo a wɔwɔ Yerusalem ano no ne Bani babarima Usi, Hasabia babarima, Matania babarima, Mika babarima a ɔyɛ Asaf aseni, na nʼabusuafo som sɛ nnwontofo wɔ Onyankopɔn asɔredan mu no. 23 Na wɔhyɛ ɔhene mmara a ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ da biara no ase.
24 Mesesabel babarima Petahia a ɔyɛ Yuda babarima Serah aseni no yɛ ɔhene ananmusini wɔ ɔman no amammui mu.
25 Yudafo no bi tenaa Kiriat-Arba ne ne nkuraa, Dibon ne ne nkuraa ne Yekabseel ne ne nkuraa. 26 Wɔtenatenaa Yesua, Molada, Bet-Pelet, 27 Hasar-Sual, Beer-Seba ne ɛho nkuraa, 28 Siklag ne Mekona ne ɛho nkuraa. 29 Na wɔtete En-Rimon, Sora, Yarmut, 30 Sanoa ne Adulam ne wɔn nkuraa nso. Na wɔtete Lakis ne ne mfuw a ɛbɛn hɔ no so ne Aseka ne ne nkuraa nso. Enti Yudafo no tenatena nsase a efi Beer-Seba kosi Hinom bon no mu.
31 Benyamin nkurɔfo no bi tenaa Geba, Mikmas, Aya ne Bet-El ne ɛho nkuraa. 32 Ebinom nso tenatenaa Anatot, Nob, Anania, 33 Hasor, Rama, Gitaim, 34 Hadid, Seboim, Nebalat, 35 Lod, Ono ne Adwumfo Bon mu nso.
36 Wɔmaa Lewifo a na wɔte Yuda no bi kɔkaa Benyamin abusuakuw no ho, ne wɔn tenae.