3
Mene ɔbarima a mahu amane
wɔ nʼabufuw abaa ano.
Wapam me afi ne ho ama manantew
sum mu na ɛnyɛ hann mu;
Ampa ara wama nsa so atia me
mpɛn bebree, da mu nyinaa.
 
Wama me were ne me nam anyin
Na wabubu me nnompe.
Waka me ahyɛ mu, na watua me ano
ɔde nweenwen ne ahokyere atwa me ho ahyia.
Wama matena sum mu
sɛ wɔn a wɔawuwu dedaw no.
 
Wato ɔfasu atwa me ho ahyia enti mintumi nguan;
wagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn ama matɔ beraw.
Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpae srɛ mmoa a
osiw me mpaebɔ ano.
Ɔde abotan asiw me kwan;
wama mʼakwan ayɛ kɔntɔnkye.
 
10 Te sɛ sisi a ɔda hɔ retwɛn,
te sɛ gyata a watɛw,
11 ɔtwee me fii ɔkwan no mu bebaree me
na ogyaw me a minni mmoa biara.
12 Okuntun ne ta mu
na ɔde ne bɛmma kyerɛɛ me so.
 
13 Ɔde bɛmma a efi ne kotoku mu
hwirew me koma mu.
14 Meyɛɛ akyiwade maa me nkurɔfo nyinaa;
wɔto akutia nnwom
de di me ho fɛw da mu nyinaa.
15 Ɔde nhaban nweenwen ahyɛ me ma.
Wama me bɔnwoma anom.
 
16 Ɔde mmosea abubu me se;
na watiatia me so wɔ mfutuma mu.
17 Wɔama asomdwoe abɔ me;
na me werɛ afi yiyedi.
18 Enti mise, “Mʼanuonyam asa,
nea mede mʼani too so Awurade mu no nyinaa.”
 
19 Mekae mʼamanehunu wɔ mʼakyinkyinakyinkyin mu,
nweenwen ne bɔnwoma mu.
20 Mekae yiye,
na me kra abotow wɔ me mu.
21 Nanso midwen eyi ho;
saa nti mewɔ anidaso.
 
22 Awurade dɔ kɛse nti yɛnsɛee ɛ.
Nʼayamhyehye nni huammɔ.
23 Ɛyɛ foforo anɔpa biara;
wo nokwaredi yɛ kɛse.
24 Meka kyerɛ me ho se,
Awurade yɛ me kyɛfa, enti mɛtwɛn no.”
 
25  Awurade ye ma wɔn a wɔn anidaso wɔ ne mu,
onipa a ɔhwehwɛ no no;
26 Eye sɛ wɔyɛ komm
de twɛn Awurade nkwagye.
27 Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa konnua no
wɔ ne mmerantebere mu.
 
28 Ma ɔntena ase komm,
efisɛ Awurade de ato ne so.
29 Ma ɔmfa nʼanim nsie wɔ mfutuma mu,
ebia anidaso wɔ hɔ.
30 Ma ɔmfa nʼafono mma nea ɔpɛɛ sɛ ɔbɔ no no
na ɔnhyɛ no aniwu.
 
31 Na Awurade ntow onipa biara nkyene koraa.
32 Ɛwɔ mu, ɔde awerɛhow ba de, nanso obenya ayamhyehye.
Ne dɔ kɛse no to rentwa da.
33 Ofi amemenemfe mu de amanehunu
anaa awerɛhow brɛ nnipa mma.
 
34 Sɛ wɔde wɔn nan dwerɛw
nneduafo a wɔwɔ asase no so a,
35 sɛ wotiatia obi ahofadi so
wɔ Ɔsorosoroni no anim a,
36 anaa sɛ wobu obi ntɛnkyew a,
Awurade renhu saa nneɛma yi ana?
 
37 Hena na obetumi aka na wama aba mu
wɔ bere a ɛnyɛ Awurade na ɔhyɛe?
38 Ɛnyɛ Ɔsorosoroni no anom
na mmusu ne nnepa fi ana?
39 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔteasefo nwiinwii
bere a wɔatwe nʼaso wɔ ne bɔne ho?
 
40 Momma yɛnhwehwɛ yɛn akwan mu na yɛnsɔ nhwɛ,
na yɛnsan nkɔ Awurade nkyɛn.
41 Momma yɛmma yɛn koma ne yɛn nsa so,
nkyerɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na yɛnka se:
42 “Yɛayɛ bɔne, na yɛatew atua
na wamfa ankyɛ.
 
43 “Wode abufuw akata wo ho ataa yɛn;
na woakunkum a woannya ahummɔbɔ.
44 Wode wo ho asie omununkum mu
nti mpaebɔ biara nnu wo nkyɛn.
45 Woayɛ yɛn atantanne ne nwura
wɔ amanaman no mu.
 
46 “Yɛn atamfo nyinaa abaa wɔn anom tɛtrɛɛ
de tia yɛn.
47 Yɛabrɛ ne ahunahuna ne akukuruhwease,
mmubui ne ɔsɛe.”
 
48 Me nusu sen sɛ asuten
efisɛ wɔasɛe me nkurɔfo.
 
49 Me nusu bɛsen ara,
na ɛrennyae,
50 kosi sɛ Awurade bɛhwɛ
afi ɔsoro, na wahu.
51 Nea mihu no ma me kra werɛ how,
me kuropɔn no mu mmea nyinaa nti.
 
52 Mʼatamfo a menyɛɛ wɔn hwee
pampam me sɛ anomaa.
 
53 Wɔpɛɛ sɛ wotwa me nkwa so
na wosiw me abo wɔ amoa mu;
54 nsu bu faa me ti so,
na ɛyɛɛ me sɛnea wɔrewie me.
 
55 Mebɔɔ wo din, Awurade
fii amoa no ase tɔnn.
56 Wotee me sufrɛ: “Nsiw wʼaso
wɔ me gye sufrɛ ho.”
57 Wutwiw bɛn me bere a mefrɛɛ wo no,
na wokae se, “Nsuro.”
 
58 Wo Awurade, wudii mʼasɛm maa me;
na wugyee me nkwa.
59 Woahu bɔne a wɔayɛ me, Awurade.
Di mʼasɛm ma me!
60 Woahu wɔn aweretɔ no mu den,
wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa.
 
61  Awurade, woate wɔn ntwirii,
wɔn pɔw a wɔbɔ tia me no nyinaa,
62 nea mʼatamfo ka no asomsɛm na wɔka no brɛoo
de tia me da mu nyinaa.
63 Hwɛ wɔn! Sɛ wogyinagyina hɔ anaasɛ wɔtete hɔ,
wɔto akutia nnwom de di me ho fɛw.
 
64 Fa nea ɛfata tua wɔn so ka, Awurade,
nea wɔn nsa ayɛ nti.
65 Pirim wɔn koma,
na ma wo nnome mmra wɔn so.
66 Fa abufuw taa wɔn, na sɛe wɔn
fi Awurade ɔsorosoro ase.