4
Salomo Mpanyimfo Ne Amradofo
Enti Ɔhene Salomo dii Israel nyinaa so hene.
 
Na eyinom ne ne mpanyimfo:
 
Sadok babarima Asaria*.
Sisa mmabarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asennii akyerɛwfo no.
Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛm kyerɛwfo.
Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ asraafo so sahene no;
Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfo.
Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansin amradofo titenani.
Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfo no, na na ɔyɛ ɔhene fotufo a ɔde ne ho to ne so.
Ahisar na na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo.
Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so.
 
Na Salomo wɔ amansin amradofo dumien wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wogye nnuan fi ɔmanfo nkyɛn de kɔma ahemfifo. Wɔn mu biara hwɛ di saa dwuma yi ɔsram baako wɔ afe biara mu.
 
Saa amradofo dumien no din na edidi so yi:
 
Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔw asase so.
Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.
10 Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.
11 Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babea Tafat).
12 Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafo ne nkurow a efi Bet-Sean, de kosi Abel-Mehola, tra kosi Yokmeam akyi no so.
13 Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead, a Yair nkurow a wɔde too Manase babarima Yair a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apon asisi ano no ka ho.
14 Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.
15 Na Ahimaas wɔ Naftali. Ɔno nso waree Salomo babea Basmat.
16 Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.
17 Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.
18 Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.
19 Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.
Salomo Nkɔso Ne Nyansa
20 Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodow te sɛ mpoano nwea. Nea wonya di ne nea wonya nom no, na wɔn ani sɔ. 21 Salomo dii ahemman nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate kosi Filistifo asase so, de kosi Misraim hye so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de sonkahiri brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so som no ne nkwanna nyinaa.
22 Nnuan a na wohia daa wɔ Salomo ahemfi no yɛ asikresiam pa susukoraa ɔha ne aduonum ne atokosiam susukoraa ahaasa, 23 anantwi a wɔadodɔ wɔ buw mu du, anantwi a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nguan anaa mmirekyi ɔha, atwe, nnowa, awansan ne nkokɔ a wɔadodɔ. 24 Na Salomo amantow no yɛ ahenni ahorow a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔe fam nyinaa de fi Tifsa kosi Gasa. Na asomdwoe wɔ asase no so mmaa nyinaa. 25 Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa bammɔ tenaa ase asomdwoe mu. Na efi Dan kosi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fi ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuw.
26 Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumien.
27 Amansin mu amradofo na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasennii nnuan pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn ɔsram ɔsram nnuanma no mu. 28 Na wɔde atoko ne sare a ɛho hia brɛ adehye apɔnkɔ no wɔ wɔn nnae.
29 Onyankopɔn maa Salomo nyansa, ntease ne nhumu a emu nni hwehwɛbea. 30 Nokware, na ne nyansa no boro anyansafo a wɔwɔ apuei ne anyansafo a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so. 31 Na onim nyansa sen obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmabarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so. 32 Obuu mmɛ mpem abiɛsa, na ɔkyerɛw nnwom apem ne anum. 33 Na otumi ka afifide biara ho nsɛm, efi Lebanon sida so de kosi adwerɛ a efifi ɔfasu mpaapae mu so. Na otumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsumnam ho nsɛm nso. 34 Enti na ahemfo a wɔwɔ aman afoforo so tu wɔn ananmusifo ba Salomo nkyɛn betie ne nyansasɛm no bi.
* 4:2 Na Asaria yɛ Ahimaas babarima na Ahimaas nso yɛ Sadok a na ɔyɛ ɔsɔfo no babarima 4:21 Salomo ahemman ahye no ano kɔka faako a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no (1 Mose 15.18-21; 5 Mose 1.7; 11.24; Yos 1.4). 4:24 Tifsa yɛ kurow titiriw bi a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate. Na saa kurow no hye ano si amantow no atifi apuei fam. Na Gasa ne Filistia a ɛbɛn Po Kɛse no nso yɛ anafo apuei hye ano.