12
Atifi Fam Mmusuakuw No Tew Atua
Rehoboam kɔɔ Sekem, efisɛ na Israelfo nyinaa akɔ hɔ sɛ wɔrekosi no hene. Bere a Nebat babarima Yeroboam tee sɛ Salomo awu no, ofi Misraim bae, efisɛ oguan fii ɔhene Salomo nsam kɔtenaa Misraim. Enti Israel mpanyimfo soma ma wɔkɔfaa Yeroboam, na Israel nnipadɔm no nyinaa kɔɔ Rehoboam nkyɛn, ne no kɔkasae se, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, tew saa adwumaden ne sonkahiri adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokware mu.”
Rehoboam buae se, “Momma me nnansa na menwene mo asɛm yi ho. Ɛno akyi, mommra mmegye me mmuae.” Enti nnipa no san kɔe.
Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanyimfo bi a na wotu nʼagya Salomo fo ne wɔn kosusuw asɛm no ho. Obisaa wɔn se, “Moka asɛm no ho dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa yi?”
Wobuaa no se, “Sɛ nnɛ yi, wopɛ sɛ woyɛ ɔsomfo ma saa nnipa yi, na woma wɔn mmuae pa a, ɛno de, daa wɔbɛsom wo nokware mu.”
Nanso Rehoboam amfa afotu a mpanyimfo no maa no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfo mmabun bi a ɔne wɔn sii so a na wotu no fo no nkyɛn. Okobisaa wɔn se, “Mo nso, mo afotu ne dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa a wɔpɛ sɛ metew adesoa duruduru a mʼagya de soaa wɔn no so?”
10 Mmerante no buae se, “Asɛm a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn ne se, ‘Me nsateaa ketewa no mu piw sen mʼagya asen mu. Na sɛ modwene sɛ na ɔyɛ den wɔ mo so a, montwɛn na mubehu sɛnea mete.’ 11 Yiw, mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya hwee mo mpire na me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo.”
12 Nnansa akyi no, Yeroboam ne nnipa no nyinaa san baa sɛ wɔrebetie Rehoboam mmuae sɛnea ɔkae no. 13 Ɔhene no buaa nnipa no abufuw so. Wamfa mpanyimfo no afotu no; 14 ɔfaa mmabun no afotu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya hwee mo mpire na me de mede nkekantwɛre bɛkeka mo.” 15 Enti ɔhene no anyɛ nnipa no abisade no ho hwee. Saa nsɛm a esisii yi yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe, efisɛ ɛmaa Awurade nkɔm a ɔnam odiyifo Ahiya a ofi Silo no hyɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu.
16 Bere a Israel nyinaa huu sɛ ɔhene anyɛ wɔn abisade amma wɔn no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Yɛne Dawid nni hwee yɛ! Yɛne Yisai babarima no nni hwee yɛ! Israel, momma yɛnkɔ yɛn nkyi! Dawid, hwɛ wʼankasa wo fi so!” Enti Israelfo no san kɔɔ wɔn fi. 17 Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfo a na wɔtete Yuda nkurow so no so hene.
18 Ɔhene Rehoboam somaa Adoram a na ɔhwɛ adwumayɛfo so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfo no siw no abo kum no. Bere a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ohuruw tenaa ne teaseɛnam mu, guan kɔɔ Yerusalem. 19 Israel mmusuakuw a wɔwɔ atifi fam no ampene sɛ Dawid aseni biara bedi wɔn so, de besi nnɛ.
20 Bere a Israelfo tee sɛ Yeroboam fi Misraim asan aba no, wɔyɛɛ nhyiamu, sii no hene wɔ Israel nyinaa so. Enti Yuda abusuakuw no nko ara na wɔkae, som Dawid fi nokware mu.
Semaia Nkɔmhyɛ
21 Bere a Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin asraafo ano. Oyii akofo mpem ɔha ne aduɔwɔtwe, sɛ wɔrekɔko atia Israel asraafo, na wɔafa ahemman no adi so.
22 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Semaia, Onyankopɔn nipa no se, 23 “Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam, Yudahene ne nnipa a wofi Yuda ne Benyamin se, 24 ‘Sɛnea Awurade se ni, Mo ne mo nuanom Israelfo nntwa mo ho nko. Monsan nkɔ mo akyi, na nea asi no nyinaa fi me!’ ” Enti wotiee Awurade asɛm no, san kɔɔ wɔn fi sɛnea Awurade hyɛe no.
Yeroboam Yɛ Sika Anantwi
25 Yeroboam kyekyeree Sekem kurow wɔ Efraim bepɔw asase so ma ɛbɛyɛɛ ne kuropɔn. Akyiri no, ɔkɔkyekyeree kurow Penuel. 26 Yeroboam dwenee ho dinn, see ne koma mu se, “Sɛ manhwɛ yiye a, ahemman no bɛsan akɔ Dawid fifo adedifo nsam. 27 Na sɛ wɔkɔ Yerusalem, kɔbɔ afɔre wɔ Awurade Asɔredan mu nso a, wɔbɛsom Yudahene Rehoboam. Ɛba saa a, wobekum me, de ɔno mmom asi wɔn so hene.”
28 Enti otiee nea nʼafotufo ka, na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ anantwi mma abien. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Ɛyɛ ɔbrɛ bebree sɛ mobɛforo akɔ Yerusalem akɔsom. Ɛno nti, Israel, eyinom ne anyame a woyii mo fii Misraim!” 29 Ɔde nantwi mma ahoni yi sisii Israel anafo ne atifi, wɔ Bet-El ne Dan. 30 Eyi bɛyɛɛ bɔne kɛse, efisɛ nnipa no som ahoni no, a na mpo wotwa kwan kɔ Dan.
31 Yeroboam* sisii abosonnan wɔ nkoko so, na ɔpaw asɔfo fii nnipa no mu a na womfi Lewi asɔfo abusua mu. 32 Yeroboam hyehyɛɛ nyamesom dapɔnna wɔ Bet-El a na wodi saa nna no Bul ɔsram (bɛyɛ Ahinime) mu a na ɛte sɛ Yuda Guankɔbea Afahyɛ no ara. Bet-El hɔ na ɔno ankasa bɔɔ afɔre maa nantwimma ahoni a wayɛ no. Na Bet-El hɔ ara nso na ɔpaw asɔfo maa abosomfi a osisii no. 33 Na ɔno ankasa yii da bi too hɔ, Bul ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) mfimfini mu hɔ, na Yeroboam kɔbɔɔ afɔre wɔ afɔremuka so wɔ Bet-El. Ɔhyɛɛ anyamesom afahyɛ ase maa Israel, na ɔforo kɔɔ afɔremuka no so kɔhyew aduhuam.
* 12:31 Yeroboam yii asɔfo a wɔnyɛ Lewifo, efisɛ na Lewifo bebree ne Rehoboam aguan kɔ Yerusalem akɔpɛ guankɔbea (2 Be 11.13-17).