10
Sebahemmea Nsrahwɛ
Bere a Sebahemmea tee Salomo din a ahyeta na ɛhyɛ Awurade din anuonyam no, ɔde nsɛmmisa a anoyi yɛ den bɛsɔɔ Salomo hwɛe. Ɔde nʼasomfo a wɔdɔɔso yiye kaa ne ho baa Yerusalem. Na yoma a wɔsoso nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔden abo ka wɔn ho. Bere a ohyiaa Salomo no, wodwinnwen nsɛm bebree a na ɛwɔ ɔhemmea ani so no ho. Salomo yii ne nsɛmmisa nyinaa ano sɛnea ɛsɛ. Asɛmmisa biara ankyere nʼadwene. Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no, ne ho dwiriw no. Nnuan a ohuu sɛ esisi ne didipon so no yɛɛ no nwonwa. Sɛnea na wahyehyɛ ne fi so ahwɛfo no ne wɔn ntade papa bi a ɛhyehyɛ wɔn, ne sɛnea nkuruwakurafo ne wɔn ntade yuu ne ɔhyew afɔre a Salomo bɔɔ no Awurade Asɔredan mu hɔ no yɛɛ no ahodwiriw.
Ɔhemmea no fii ahodwiriw mu ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Nsɛm a metee wɔ me man mu a ɛfa dwuma a woatumi adi ne wo nyansa ho no nyinaa yɛ nokware! Na minnye nni kosii sɛ mibeduu ha a mʼankasa mede mʼani abehu yi. Nokware, sɛɛ na mante asɛm no mu fa mpo. Wo nyansa ne wo nkɔso no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa. Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wo nkurɔfo yi ani gye! Ɛyɛ adom ma wʼadwumayɛfo yi sɛ wotumi bɛn wo adekyee biara na wotie wo nyansasɛm. Awurade, wo Nyankopɔn no yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho, na ɔde wo asi Israel ahengua so. Efisɛ ɔdɔ a Awurade de dɔ Israel no yɛ ɔdɔ a ɛnsa da. Wasi wo hene sɛ wode atɛntrenee ne treneeyɛ bebu ɔman no.”
10 Na ɔkyɛɛ ɔhene no sikakɔkɔɔ tɔn anan ne fa, nnuhuam bebree ne aboɔden abo. Obiara amfa nnuhuam dodow saa ammɛkyɛ Salomo bio, sɛnea Sebahemmea de bɛkyɛɛ no no.
11 Huram ahyɛn no fi Ofir de sikakɔkɔɔ bae a na asamfono nnua bebree ne aboɔden abo ka ho. 12 Ɔhene de asamfono nnua no yɛɛ atrapoe wɔ Awurade Asɔredan ne ahemfi no mu, na ɔde bi yɛɛ asanku ne mmɛnta maa nnwontofo. Ebesi saa bere no ne saa bere no, na obiara mfaa asamfono nnua a ɛyɛ fɛ saa nkɔɔ hɔ da, na akyiri no nso wɔanhu bi saa da.
13 Biribiara a Sebahemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no kaa nea amanne nti, ɔnam ayamye so de maa no no ho. Ɛno akyi, Sebahemmea ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn kurom.
Salomo Ahonya Ne Nʼanuonyam
14 Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum, 15 a na sika a onya fi aguadifo, Arabia ahemfo ne asase no so amradofo no nkyɛn nka ho.
16 Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason. 17 Bio, ɔyɛɛ akyɛm nketewa bi a ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛe a, emu biara mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no de saa akyɛm yi nyinaa kosiee ahemfi hɔ baabi bi a wɔfrɛ hɔ Lebanon Kwae Ahemfi.
18 Na ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 19 Na ahengua no wɔ atrapoe ntiaso asia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ gyata sɛso abien asisi hɔ. 20 Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho. 21 Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi. 22 Na ɔhene no wɔ po so aguadihyɛn bebree a ɛne Huram de no yɛ adwuma bɔ mu. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba prɛko a sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsorommoa ne asibe ahyehyɛ wɔn ma.
23 Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. 24 Na nnipa fifi aman ahorow so bɛsra no, na wotie nyansa a Onyankopɔn de adom no no bi. 25 Afe biara mu, obiara a ɔbɛba abɛsra no no brɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ.
26 Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem. 27 Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ ankye nnua a efifi wɔ mmepɔw ase wɔ Yuda asase so. 28 Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye. 29 Saa bere no, na wotumi tɔ Misraim teaseɛnam a wɔde abedu Yerusalem no dwetɛ kilogram awotwe, na apɔnkɔ nso, na wotumi tɔ baako dwetɛ kilogram abien. Na wɔsan tɔn wɔn mu pii ma Hetifo ahemfo ne Aram ahemfo.