42
Afei asraafo mpanyimfo no nyinaa a Karea babarima Yohanan ne Hosaia babarima Yesania ka ho, ne nnipa no nyinaa, efi akumaa so kosi ɔkɛse so kɔɔ odiyifo Yeremia nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo, tie yɛn adesrɛ yi na bɔ Awurade, wo Nyankopɔn mpae ma wɔn a wɔaka yi nyinaa. Sɛnea wuhu no, kan no na yɛdɔɔso nanso afei yɛaka kakraa bi. Bɔ mpae sɛnea Awurade, wo Nyankopɔn bɛkyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛkɔ ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
Yeremia buaa wɔn se, “Mate mo asɛm no, na ɔkwan biara so mɛbɔ Awurade, mo Nyankopɔn mpae sɛnea moasrɛ no; mɛka nea Awurade bɛka biara akyerɛ mo na meremfa hwee nsie mo.”
Na afei, wɔka kyerɛɛ Yeremia se, “Sɛ yɛanyɛ nea Awurade, wo Nyankopɔn soma wo se ka kyerɛ yɛn no a, ma ɔnyɛ ɔdanseni nokwafo ntia yɛn. Sɛ yɛpɛ o, sɛ yɛmpɛ o, yɛbɛyɛ osetie ama Awurade, yɛn Nyankopɔn a yɛresoma wo wɔ ne nkyɛn no, sɛnea ebesi yɛn yiye, na yebedi Awurade, yɛn Nyankopɔn asɛm so.”
Nna du akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia hɔ. Enti ɔfrɛɛ Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho ne nnipa no nyinaa; efi akumaa so kosi ɔkɛse so. Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn a mosomaa me sɛ memfa mo adesrɛ nkɔto nʼanim no se: 10 ‘Sɛ motena asase yi so a, mesiesie mo na merensɛe mo, medua mo na merentu mo ase, efisɛ me werɛ ahow wɔ amanehunu a mama aba mo so no ho. 11 Munnsuro Babiloniahene a mprempren musuro no no. Munnsuro no, Awurade na ose, efisɛ mene mo wɔ hɔ, megye mo, na mayi mo afi ne tumi ase. 12 Mehu mo mmɔbɔ na ɔno nso ahu mo mmɔbɔ na ɔde mo asan aba mo asase so.’
13 “Nanso sɛ moka se, ‘Yɛrentena saa asase yi so,’ na ne saa nti moanyɛ osetie amma Awurade mo Nyankopɔn, 14 na sɛ moka se, ‘Dabi, yɛbɛkɔ akɔtena Misraim, faako a yɛrenhu ɔko, na yɛrente akobɛn nnyigyei na aduankɔm renne yɛn a,’ 15 ɛno de tie Awurade asɛm, mo Yuda nkae. Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛ moawe ahinam sɛ mobɛkɔ akɔtena Misraim, na sɛ munya kɔtena hɔ a, 16 ɛno de afoa a musuro no bɛto mo wɔ hɔ na ɔkɔm a, mo koma tu wɔ ho no bedi mo akyi akɔ Misraim na hɔ na mubewuwu. 17 Nokware wɔn a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no bewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano, na wɔn mu baako po renka anaa ɔrenguan mfi amanehunu a mede bɛba wɔn so no mu.’ 18 Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Sɛnea mʼabufuw ne mʼabufuwhyew hwie guu nnipa a wɔwɔ Yerusalem so no, saa ara na sɛ, mokɔ Misraim a, mʼabufuwhyew behwie agu mo so. Mobɛyɛ nnome, ahodwiriwde, afɔbu ne ahohora; morenhu saa beae yi bio.’
19 “Yuda nkae, Awurade aka akyerɛ mo se, ‘Monnkɔ Misraim.’ Mommma mo werɛ mmfi, nnɛ merebɔ mo kɔkɔ 20 sɛ moyɛɛ mfomso a ɛyɛ hu yiye, bere a mosomaa me kɔɔ Awurade, mo Nyankopɔn hɔ, na mokae se, ‘Bɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn mpae ma yɛn, na ka nea ɔka biara kyerɛ yɛn na yɛbɛyɛ,’ no. 21 Nnɛ, maka akyerɛ mo, nanso monyɛɛ osetie mmaa Awurade mo Nyankopɔn ara wɔ biribiara a ɔhyɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no ho. 22 Enti afei mommma mo werɛ mfi sɛ, mubewuwu wɔ afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm ano wɔ faako a mopɛ sɛ mokɔtena hɔ no.”